Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 9 - KYERƐW KRONKRON


Hiob mmuae: Obi ntumi ne Otumfo nni asi

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Ampa ara, minim sɛ ɛte sa, na ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn?

3 Sɛ obi pɛ sɛ ɔne no yiyi ano a, ontumi mmua no apem mu biako mpo.

4 Koma mu nyansafo ne tumi mu hoɔdenfo no, hena na wasen ne kɔn wɔ ne so na asi no yiye?

5 Otutu mmepɔw mpatuw mu, obutuw no n’abufuw mu.

6 Ɔwosow asase fi n’atenae, na ne nnyinaso popo.

7 Ɔhyɛ owia, na empue; na ɔsosɔ nsoromma ano.

8 Ɔno nko na ɔtrɛw ɔsoro, na otiatia po asorɔkye so.

9 Ɔyɛ Nsorommasɔn, Nyɛnkrɛnte ne Akokɔtan ne ne mma ne anafo fam mpiakyiri.

10 Ɔyɛ ade akɛse a enni nhwehwɛm, ne anwonwade a wontumi nkan.

11 Hwɛ, otwa me ho, nso minhu no, ɔsen, nso minhu no.

12 Hwɛ, ohwim kɔ, hena na ɔbɛsan no? Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?

13 Onyankopɔn rensianka n’abufuw, Rahab aboafo brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase.

14 Na menne sɛ me na mebua no, anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu, na me ne no ayiyi.

15 Ɔno na sɛ meteɛ po a, meremmua no, mɛkotɔ no sɛ me temmufo.

16 Sɛ mefrɛ na ogye me so a, merennye minni sɛ ɔbɛyɛ aso ama me nne.

17 Ɔno a ɔde ahum posa me, na ɔma m’akuru dɔɔso kwa no,

18 ɔmma minnya ahomeye, na ɔde awerɛhow hyɛ me ma tɔ.

19 Sɛ wodi no ɔhoɔdenfo tumi so a, anka: Mini! Na sɛ atemmu nso a, anka: Hena na obehyia me?

20 Sɛ meteɛ a, m’ano bebu me fɔ, na midi mu a, ɔbɛma makyea.

21 Me de, midi mu de, nanso mimmu me ho; me nkwa afono me.

22 Ne nyinaa yɛ biako; enti na mise: Nea odi mu ne ɔbɔnefo nyinaa na ɔsɛe wɔn.

23 Sɛ mpire kum mpofirim a, ɔsereserew wɔn a wodi bem amane.

24 Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa, ɔkata n’atemmufo ani; sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?

25 Na me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo, eguan kɔ, enhu adepa bi.

26 Ɛsen kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn, sɛ ɔkɔre a ɔtow si aduan so.

27 Sɛ mise: Me werɛ befi m’apinisi, megyae bosooyɛ na matew m’anim po a,

28 me yaw nyinaa yɛ me hu, efisɛ mihu sɛ woremmu me bem.

29 Na sɛ wobebu me fɔ a, adɛn nti na memmrɛ ngu?

30 Sɛ miguare sukyerɛma nsu na mede gyakisi mehohoro me nsa a,

31 ɛno nso wode me bɛto amoa mu, na me ho ayɛ me ntade po nwini.

32 Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no, na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro.

33 Nso ɔsentwamfo bi nni yɛn ntam a ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu so.

34 Ma onyi n’abaa mfi me so, na ne ho hu ankita me.

35 Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no, nanso mintumi nyɛ saa, wɔ me ara me fam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan