Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 5 - KYERƐW KRONKRON

1 Frɛ ɛ, so obi wɔ hɔ a obebua wo? Na akronkronfo mu hena na wode bɛdan no?

2 Na ahisɛm kum ogyimifo, na ninkuntwe kum atetekwaa.

3 Me de, mahu ogyimifo a ogyee ntini, nanso amonom hɔ ara na medomee ne tenabea;

4 ne mma ne nkwagye ntam pan, na wɔpɛtɛw wɔn, kurow pon mu a ogyefo nni hɔ.

5 Wɔn a wodi kɔm bedi ne nnɔbae, na nsɔe mu po na wɔbɛfa, na adifudepɛfo amene wɔn adedodow.

6 Efisɛ mmusu mfifi mfi mfutuma mu, na ɔhaw nso mfuw mfi fam.

7 Na wɔwoo onipa maa ɔhaw, sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no.

8 Na me a, anka mɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, na mede m’asɛm mahyɛ Onyankopɔn nsa,

9 nea ɔyɛ adekɛse a enni nhwehwɛm, anwonwade nso a wontumi nkan.

10 Nea ɔma osu tɔ asase so, na ɔma nsu ba wuram,

11 ɔde ahobrɛasefo bɛtenaa nea ɛkorɔn, na nkɔmmɔdifo asɔre akɔ yiyedi mu.

12 Ɔsɛe aniferefo atirimpɔw, na wɔn nsa antumi anyɛ adepa bi.

13 Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu, na obutuw akɔntɔnkyefo agyina.

14 Wɔtɔ sum mu awia, na awia ketee wɔkeka sɛ anadwo.

15 Na ogye ohiani fi afoa a efi wɔn anom no ano, ne ɔhoɔdenfo nsam.

16 Na ɔbrɛfo nya anidaso, na amumɔyɛ mua n’ano.

17 Hwɛ, nhyira ne ɔdesani a Onyankopɔn ka n’anim, na otumfo nteɛso no, ɔmpo!

18 Na ɔno na opira, na ɔkyekyere so, ɔpɛtɛw, na ne nsa nso sa.

19 Obeyi wo afi ahohia asia mu, na nea ɛto so ason no mu, bɔne renka wo.

20 Ɔkɔm bere obegye wo afi owu mu, na akodi mu nso wagye wo afi afoa ano.

21 Ɔbɛkora wo afi tɛkrɛma mpire ano, na worensuro ɔsɛe a ɛreba.

22 Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm, na asase so mmoadoma nso, worensuro wɔn.

23 Efisɛ wo ne wuram abo po bɛyɛ apam, na wuram mmoadoma bedwo ama wo.

24 Na wubehu sɛ wo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wohwɛ wo tenabea a, worenhu sɛ atɔ mu.

25 Na wubehu nso sɛ w’asefo bɛdɔɔso pii, na wɔn a wofi wo mu bɛyɛ sɛ asase so nhaban,

26 wode onyinkyɛ na ɛbɛkɔ ɔdamoa mu, sɛ wɔde awi afiafi ba mu ne bere mu no.

27 Hwɛ, eyi na yɛabɔre mu ahu, sɛ ɛte ni; tie, na wo nso, hu fa!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan