Hiob 42 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn ma Hiob so bio 1 Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ: 2 Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensiw w’atirimmɔ biara kwan. 3 Hena ne nea onni nimdeɛ, na ɔfono afotu ani yi? Enti na mekaa nea mente ase, anwonwade a ɛsen me a minnim. 4 Tie ɛ, na menkasa. Mebisa wo, na woakyerɛ me. 5 Sɛ aso te nko na metee wo nka, na afei m’aniwa ahu wo. 6 Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu. 7 Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛnea m’akoa Hiob ayɛ no. 8 Na afei momfa anantwinini ason ne adwennini asɔn, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo ti so mpae, na ne nko anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, efisɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob. 9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ. 10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no ti so mpae no, AWURADE dan ne duamda no, na AWURADE de ade a Hiob nyae no nyinaa mmɔho abien maa no. 11 Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmea nyinaa ne wɔn a wonim no kan nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bedidii wɔ ne fi, na wogyam no, na wɔkyekyee ne werɛ, amane a AWURADE ma ɛbaa no so nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbona biako ne sika kaa biako. 12 Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem. 13 Na onyaa mmammarima baasɔn ne mmammea baasa. 14 Na ɔtoo ɔbea a odi kan no din Yemima, na nea odi so no de Kesia, na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-hapuk. 15 Na wɔanhu mmea ahoɔfɛfo sɛ Hiob mmammea no asase no nyinaa so; na wɔn agya momaa wɔn agyapade wɔn nuanom mu. 16 Na eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan, na ohuu ne mma ne ne mma mma awo ntoatoaso anan. 17 Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana