Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 40 - KYERƐW KRONKRON


Hiob brɛ ne ho ase, AWURADE asɛm a ɛto so abien. Susono ne ɔdɛnkyɛmmirampɔn

1 Na AWURADE buaa Hiob sɛ:

2 So ɔtɛnyifo bi ne Otumfo no bɛham anaa? Nea ɔne Nyankopɔn gye akyinnye no, ommua ɛ!

3 Na Hiob gyee AWURADE so sɛ:

4 Hwɛ, misua, dɛn na memfa mimmua wo? Me nsa na mede meto m’ano.

5 Makasa pɛnkoro, na merentia so, ne mprenu, na merenkɔ so bio.

6 Ɛnna AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:

7 Bɔ w’asen sɛ ɔbarima ɛ, mebisa wo, na woakyerɛ me.

8 So wobɛdan m’atemmu ani, so wubebu me fɔ na woadi bem?

9 Na so wowɔ nsa sɛ Onyankopɔn de, na wubetumi de nne a ɛte sɛ ne de abom?

10 Ɛnne fa tumidi ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho, na fura ɔhyerɛn ne anuonyam,

11 hwie w’abufuw mmoroso no gu, na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.

12 Hwɛ ahantanfo nyinaa na brɛ wɔn ase, na tiatia abɔnefo so wɔn tenabea hɔ.

13 Fa wɔn nyinaa sie dɔte mu, na ma wɔn anim ntintim ahintawee mu,

14 ɛnne na me nso mɛkamfo wo sɛ w’ankasa wo nifa na agye wo.

15 Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo, wura na odi sɛ nantwi.

16 Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asen mu ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu.

17 Ɔkoa ne dua sɛ kyeneduru, ne srɛ mu nhama nso toatoa mu.

18 Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn, ne nkasae te sɛ adaban.

19 Ɔno ne Onyankopɔn akwan mfiase na ne yɛfo no nkutoo na otumi de afoa ka no.

20 Na mmepɔw ba aduan ma no, na wuram mmoadoma nyinaa goru hɔnom.

21 Nsɔe nnua ase na ɔda, demmire ne ɔwora ahintawee mu.

22 Nsɔe nnua nwini kata no so, asukɔn so nnua twa ne ho hyia.

23 Hwɛ, asu ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo; sɛ Yordan bu ba n’ano po a, ne bo da ne yam ara.

24 So wobetumi akyere no anikan, na wɔde afiri ahwirew ne hwenem?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan