Hiob 39 - KYERƐW KRONKRONMmoadoma di Onyankopɔn nyansa ho adanse 1 So wunim abotan so mmirekyi awo bere, na aforote awoko nso, wowɛn? 2 Wokan asram a wɔn afuru de nyin, na wunim bere a wɔde wo anaa? 3 Wɔkotow wowo wɔn mma, wɔtow wɔn awoyaw kyene, 4 wɔn mma ho kokwaw, wonyin wuram, wofi kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn. 5 Hena na ogyaa sare so afurum sɛ ɔnne ne ho, na afurum kakatefo nhama, hena na ɔsan? 6 Nea mede sare pradada mayɛ ne fi, na mede nkyene asase mayɛ ne tenabea. 7 Ommu kurow mu gyegyeegyeyɛ, ɔnte ɔkafo ateɛteɛ. 8 Nea onya mmepɔw so no ne n’aduan, na ɔpɛ ade biara a ɛyɛ frɔmfrɔm. 9 So okoo bɛpene sɛ ɔsom wo, anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho? 10 So wode hama bɛsa okoo, mfɛtɛwee ka ho, anaasɛ ɔbɛtwe abon mu mfɛtɛwee so adi w’akyi? 11 So n’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto no so, na woagyaw w’adwuma ama no anaa? 12 So wubegye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba wo san so? 13 Sohori bɔ ne ntaban mu ahurusidi mu, ɛyɛ asukɔnkɔn ntakra ne ne ntakra anaa? 14 Mmom ogyaw ne nkesua ma asase, na mfutuma so na ɔma ɛho dɔ, 15 na ne werɛ fi sɛ ɛnan bɛpɛtɛw, anaasɛ wuram mmoadoma bɛbobɔ. 16 Ɔbɔ ne mma atirimmɔden sɛnea wɔnyɛ ne de, ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso onsuro, 17 efisɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no, na wankyɛ no nhumu. 18 Na sɛ ɔyere ne ho tu a, ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo. 19 So wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ? Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn? 20 So wo na woma ohuruw sɛ mmoadabi? Ne home foofoo denyɛ yɛ hu. 21 Ɔtwerɛtwerɛw obon mu, na odi n’ahoɔden ho ahurusi, ofi kohyia akofofo a wɔamia. 22 Ɔserew ehu, na ne ho mpopo, na ɔnsan mfi afoa anim. 23 Agyan boha wosow no so, peaw ne pɛmɛ a etwa nyinamnyinam nso. 24 Ɔde anibere ne abufuw twerɛtwerɛw asase, na torobɛnto hyɛn a, onnyina bio. 25 Torobɛnto hyɛn a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hua wɔ akyirkyiri, asafohene nteɛm ne osebɔ no. 26 So wo nhumu so na ɔsansa nam tu? Ɔtrɛw ne ntaban mu kyerɛ anafo asase. 27 Anaasɛ w’anom asɛm so na ɔkɔre ma ne ho so, na ɔyɛ ne berebuw nea ɛkorɔn? 28 Ɔbotan mu na ɔte na ɔda, ɔbotan ano hwirenhwiren ne ahwɛe sorɔnsorɔn so, 29 ɛhɔ na ofi hwehwɛ aduan, n’aniwa hwɛ ade akyirikyiri. 30 Na ne mma few mogya, na nea atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana