Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 38 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE mmuae

1 Na AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:

2 Hena ne nea obiri afotu ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi?

3 Bɔ w’asen sɛ ɔbarima ɛ, na memmisa wo, na kyerɛ me.

4 Ɛhe na wowɔ, bere a metoo asase fapem no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ!

5 Hena na ɔde ne nsusuwii too hɔ, wunim anaa? Anaasɛ hena na ɔsaa so hama?

6 Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sii, anaa hena na ɔde ne tweati bo toe,

7 bere a adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?

8 Na hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu, bere a efii asase yam puei,

9 na mede omununkum meyɛɛ ne nkataho, ne sum kabii nso meyɛɛ n’abomu hann,

10 na mitwaa no so hye, na misisii adaban ne apon,

11 na mekae sɛ: Ɛha yi na bra bedu, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkye ahantan mmɛso no?

12 So efi wo nna mfiase woahyɛ bere ama anɔpa pɛn? So woakyerɛ adekyee nso ne dibere,

13 sɛ enso asase mmuano mu, na wɔmporoporow abɔnefo mfi so,

14 sɛ ɛnsakra sɛ dɔte nsɔano ase, na ɛnyɛ sɛ atade a wɔahyɛ no aduru,

15 na wɔde abɔnefo hann akame wɔn, na nsa a wɔama so no, wɔabu mu?

16 So woakɔ po aniwa ho, na woanantew bun donkudonku ase?

17 So wɔayi owu aponkɛse adi akyerɛ wo, anaasɛ woahu esum kabii abobow no?

18 Woahu asase trɛw mu anaa? Sɛ wunim ne nyinaa a, ka ɛ!

19 Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ, na esum nso, n’afa wɔ he?

20 Na wode akɔ ne hye so, na woahu ne fi akwan no?

21 Yiw wunim, efisɛ saa bere no na wɔwoo wo, na woadi nna bebree.

22 So woakɔ sukyerɛma korabea, anaa woahu amparuwbo akorae no,

23 ade a makora masie ahohia bere ne ɔko ne dɔmdi da no?

24 Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ, ne nea apuei mframa fa so bɔ asase so no wɔ?

25 Hena na oyiyi aka ma osu, ne ɔkwan ma aprannaa asraman no,

26 sɛ ɔbɛma osu atɔ asase a obi nni hɔ so, ne anwea pradada a onipa bi nni so so,

27 na wama amamfo ne asase hunu amee, na wama wura a efuw no afefɛw?

28 So osu wɔ agya, anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ?

29 Hena yam na nsu nkyenkyenee fi, na ɔsoro bosu a akyenkyen no, hena na ɔwoe?

30 Nsu kyenkyen sɛ ɔbo, na ebun donkudonku ani pam.

31 So wubetumi akyekyere Akokɔtan-ne-ne-mma hama, anaasɛ wubetumi asan Nyɛnkrɛnte nhama mu?

32 So wubetumi ayi owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne bere mu, anaa wubetumi akyerɛ sisi nsoromma ne ne mma kwan?

33 So wunim ɔsoro nhyehyɛe anaa wubetumi ahyehyɛ sɛnea enni asase so mfa?

34 So woma wo nne so kɔ amununkum mu sɛ nsu pii mmɛkata wo ho anaa?

35 So wubetumi asoma anyinam ma akɔ, na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn ni! Anaa?

36 Hena na ɔde nyansa siee ayamde mu, anaasɛ hena na ɔde nhumu maa adwene?

37 Hena na ɔde nyansa kenkan amununkum, na ɔsoro nkotoku no, hena na ɔdan no

38 ma mfutuma twe kɔhɔre siw, na dɔte bɔ atɔwatɔw?

39 So wo na woyɛ ha ma gyatabere nya nam, anaa woma agyataforo mee,

40 ɛbere a wobutubutuw wɔn atu mu, na wɔtete adɔtɔ mu retɛw no?

41 Hena na osiesie aduan ma anene, ɛbere a ne mma su frɛ Onyankopɔn, wokyini na wonni aduan no?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan