Hiob 37 - KYERƐW KRONKRON1 Yiw, eyi ho na me koma tutu, na ɛpopo fi n’afa. 2 Otie na muntie ne nne huuyɛ, ne mmobom a efi n’anom no. 3 Ogyaa mu ɔsoro nyinaa ase, na n’anyinam kodu asase anoano. 4 Ɔprannaa bobom di akyiri, ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom. Sɛ wɔte ne nne a, onsianka wɔn. 5 Onyankopɔn de ne prannaa bobom ma ɛyɛ nwonwa, ɔyɛ ade akɛse a yenhu mu, 6 na ɔka kyerɛ sukyerɛma sɛ: Tɔ gu asase so! Ne osukɛse nso saa ara sɛ: Tue! Ne n’ahoɔden su akɛse no. 7 Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano, sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhu de. 8 Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu, na wɔtenatena wɔn tenabea. 9 Ahum fi mpiakyiri hɔ ba, na awɔw nso fi atifi fam. 10 Onyankopɔn home na ɛma nsu nkyenkyenee, na ɛma nsu a ɛtrɛw nso kyenkyen. 11 Nsu ara nko na ɔde soa omununkum, ɔtrɛw ne hann mununkum no mu. 12 Na ɔma edi kyinhyia sɛ n’akwankyerɛ te, sɛ ɛnkɔyɛ nea ɔhyɛ no nyinaa, wiase nyinaa ne asase ani; 13 Sɛ ɛyɛ nteɛso nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo, sɛ ɛyɛ adɔe so oo, ɔma ɛba ara. 14 Hiob, yɛ aso wɔ eyi ho, gyina hɔ dwen Onyankopɔn anwonwade ho. 15 So wunim bere a Onyankopɔn susuw ho, na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn? 16 So wunim omununkum nkarii, nimdeɛ mu mudifo no anwonwade no? 17 Sɛnea wo ntade mu yɛ hyew, bere a anafo mframa ma asase yɛ dinn no? 18 So wo ne no na ɛde wim tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔagu no trɛw hɔ? 19 Ma yenhu nea yɛnka nkyerɛ no; esum nti yɛrenhu nea yɛnka. 20 So wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa? Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no? 21 Na afei wonhu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewim tɔnn, na mframa twam a, ɛma wim hɔ tew. 22 Atifi fam asase so na sika fi ba, Onyankopɔn ho na anuonyam a ɛyɛ hu wɔ. 23 Otumfo de, yenhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse, na ɔrenkyea atemmu ne trenee a ɛdɔɔso. 24 Enti nnipa suro no, ommu komam nyansafo biara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana