Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 36 - KYERƐW KRONKRON


Elihu asɛnka a etwa to

1 Na Elihu kɔɔ so sɛ:

2 Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo, na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn.

3 Mɛfa me nimdeɛ afi akyirikyiri, na mede me yɛfo no bem mama no.

4 Na ampa, me nsɛm nyɛ atoro! Nea odi mu nimdeɛ mu na ɔne wo wɔ hɔ yi.

5 Hwɛ, Onyankopɔn yɛ kɛse, na ommu obi animtiaa, ɔyɛ ɔkɛse ntease tumi mu.

6 Ɔmma ɔbɔnefo nnya nkwa, na ɔde amanehunufo bem ma wɔn.

7 Onyi n’ani mfi ɔtreneeni so, na ɔma wɔne ahene tena agua so daa, na wɔma wɔn so.

8 Na sɛ wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔde amane nhama akyere wɔn a,

9 ɛnna ɔka wɔn nneyɛe kyerɛ wɔn, ne wɔn mmarato, sɛ wɔama wɔn ho so,

10 na obue wɔn aso ma nteɛso, na ɔka sɛ wɔnsan mfi abusude ho.

11 Sɛ wotie na wɔsom no a, wowie wɔn nna di yiyedi mu, ne wɔn mfe nso, nea ɛyɛ wɔn dɛ mu.

12 Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dade ano, na wogyaa mu, nimdeɛ a abɔ wɔn no mu.

13 Na koma mu ansuronyamefo kora abufuw, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkotɔ nsrɛ.

14 Wɔn kra wu mmerantebere mu, na wɔn nkwa sɛe sɛ nguamanfo de no.

15 Oyi ɔmanehunufo n’amane mu, na obue wɔn aso ahoguan no mu.

16 Anka obegye wo nso afi ahohia mu akɔ nea ɛhɔ trɛw a ahokyere nni hɔ, na srade ayɛ wo pon so aduan ma.

17 Nanso ɔbɔnefo atemmu ayɛ wo ma, atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.

18 Na mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ ahiiyi mu, na mma agyede no dodow nnhima w’ani.

19 So w’ahonyade anaa wo tumi ahoɔdenne nyinaa de wo besi nea ahohia nni hɔ anaa?

20 Mpere anadwo ho, sɛ ɛmmɛpra aman mfi wɔn afa.

21 Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so, efisɛ wopɛ ɛno mmom sen amanehunu.

22 Hwɛ, Onyankopɔn di ne tumi mu asɛnkɛse, hena ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?

23 Hena na ɔhyɛɛ no sɛnea ɔnyɛ n’ade mfa, na hena na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne?

24 Kae sɛnea wobɛkamfo ne nneyɛe a adasamma ato ho dwom no.

25 Nnipa nyinaa hwɛ ara; ɔdesani fi akyirikyiri hwɛ.

26 Hwɛ, Onyankopɔn so, na yennim no, ne mfe dodow nso mu nni hwehwɛbea.

27 Ɔno na ɔtwe nsu atɔwatɔw, a ɛsosɔ ne mununkum mu su,

28 a efi mununkum mu tɔ gu fam, ɛtɔ pii gu nnipa so.

29 So obi betumi ate omununkum mu trɛw ne ne ntamadan mu kurududuyɛ no ase anaa?

30 Hwɛ, ɔtrɛw ne hann mu wɔ no so, na ɔkata po ntini so.

31 Na ɛno na ɔde di aman asɛm, ɔde aduan bebree nso ma.

32 Ɔde hann katakata ne nsa ho, na ɔhyɛ ma ekosi botae bi mu,

33 Ne mmobom ka ne ho asɛm, mmoakuw po ka asɛm fa ahum a ɛreba no ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan