Hiob 35 - KYERƐW KRONKRON1 Na Elihu kɔɔ so ara kae sɛ: 2 So wubu sɛ ɛteɛ, anaa woka sɛ: Me trenee sen Onyankopɔn de, 3 sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfaso bɛn? Na mfaso bɛn na menya asen sɛ anka meyɛɛ bɔne? 4 Me de, mede nsɛm mebua wo ne wo mfɛfo a wɔka wo ho no. 5 Hwɛ ɔsoro, na hu, na hwɛ omununkum a ɛkorɔn sen wo no. 6 Sɛ woyɛ bɔne a, dɛn na wode yɛ no, na sɛ wo mmarato dɔɔso a, dɛn na woyɛ no? 7 Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no, anaasɛ wo nsam dɛn na ogye? 8 Onipa a ɔte sɛ wo na w’abɔnefosɛm pira no, na wo trenee bɛma wanya mfaso. 9 Nhyɛso bebrebe nti na ɛma wɔteɛm, wosu frɛ ɔboafo, nnipa akɛse nsa ase. 10 Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfo no wɔ? Nea ɔma nnwom anadwo, 11 nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sen asase so mmoa, na ɔkyerɛ yɛn nyansa sen ɔsoro nnomaa no. 12 Ɛhɔ na wɔteɛm, na ommua, abɔnefo ahantan nti. 13 Ampa ara, Onyankopɔn rentie ahuhusɛm, na Otumfo remmu. 14 Na menne sɛ wuse: Wunhu no de, nanso asɛm no da n’anim, na wotwɛn no ara. 15 Na afei esiane sɛ ɔmmɛtwee aso, n’abufuw mu, na onni amumɔyɛ akyi pii nti, 16 Hiob bue n’ano kwa, na nimdeɛ a onni mu, ɔma nsɛm dɔɔso. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana