Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 34 - KYERƐW KRONKRON


Elihu kɔ so ara ka Hiob anim

1 Na Elihu toaa so sɛ:

2 Anyansafo, muntie me nsɛm, na mo, animdefo, monyɛ aso mma me.

3 Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduan hwɛ.

4 Yɛbɛsɔ atemmu ahwɛ afa, na yɛahu nea eye yɛn ntam.

5 Na Hiob aka sɛ: Meteɛ, nanso Onyankopɔn amfa me bem amma me.

6 Me bem mu ara na wobu me torofo, m’agyan kuru mu ayɛ den, nanso mmarato bi nni me mu.

7 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom mmusubɔ sɛ nsu,

8 na ɔhyɛn amumɔyɛfo ayɔnkofa mu, na ɔne nnipa abɔnefo nantew?

9 Na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mfaso mma onipa sɛ ɔne Nyankopɔn bɔ.

10 Enti mo a mowɔ ti, muntie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfo bedi amumɔyɛsɛm,

11 na mmom, onipa nneyɛe so ka na otua no, na sɛ obi kwan te no, saa na ɔma ɛto no.

12 Ampa ara, Onyankopɔn nni asɛmmɔne, na Otumfo nkyea atemmu.

13 Hena na ɔde asase hyɛɛ ne nsa, na hena na osiesiee wiase nyinaa?

14 Sɛ ɔka sɛ ogye n’ahome fa, na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a,

15 anka ɔhonam nyinaa begyaa mu prɛko, na onipa bɛsan akɔ dɔte mu.

16 Na sɛ wowɔ nhumu a, tie eyi, yɛ aso ma me nsɛm.

17 So nea okyi atɛntrenee benya aman so adi? Anaasɛ wubebu ɔtreneeni tumfo no fɔ?

18 Nea ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni! Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefo!

19 Nea ɔnhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen mmɔboroni; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.

20 Mpofirim na wowu, na adasu mu na aman hinhim na wɔsen kɔ, na wɔpra abirempɔn kɔ, nso ɛmfa onipa nsa so.

21 Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ohu n’akwan nyinaa.

22 Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumɔyɛfo de wɔn ho ahintaw hɔ.

23 Na enhia sɛ ɔhwɛ onipa ma ɛkyɛ ansa na wakɔ Onyankopɔn nkyɛn, atemmu mu.

24 Obubu abirempɔn na ɔnhwehwɛ mu, na ɔde afoforo si wɔn ananmu.

25 Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛe, obutuw wɔn anadwo ma wɔdwerɛw wɔn.

26 Ɔhwe wɔn sɛ abɔnefo, ma nnipa nyinaa hu.

27 Efisɛ wɔman fii n’akyi kɔe, na wɔannwen n’akwan no biara ho,

28 sɛ wɔbɛma mmɔboroni sufrɛ adu ne nkyɛn, na wate amanehunufo sufrɛ.

29 Na sɛ ɔno na ɔma edwo a, hena na obebu fɔ? Na ɔde n’ani hintaw a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ,

30 na onipa kɔnkɔnsani anni hene, na wɔansum ɔman afiri.

31 Na so obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mahu amane, merenyɛ amumɔyɛ bio,

32 nea minnya minhui, wo na kyerɛ me, sɛ madi amumɔyɛsɛm a, merenni bio?

33 Na worepo ne nneyɛe yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛnea wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ wopaw, na ɛnyɛ me, na nea wunim no, ka ɛ!

34 Nnipa a wɔwɔ ti bɛka akyerɛ me, na ɔbarima nyansafo betie ama me,

35 Hiob de, ɛnyɛ nimdeɛ so na ɔkasa, na ne nsɛm mu nni nhumu.

36 Sɛ anka ɔbɛsɔ Hiob ahwɛ akosi awiei ɛ, efisɛ ne mmuae te sɛ amumɔyɛfo mmuae.

37 Na ɔde mmusubɔ ka ne bɔne ho, yɛn mu po ɔbɔ ne nsam, na ɔma ne nsɛm a ɔde ne Onyankopɔn di asi no dɔɔso.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan