Hiob 33 - KYERƐW KRONKRON1 Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ! Na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa. 2 Hwɛ, mabue m’ano, me tɛkrɛma rekasa me dodom. 3 Me komam teeyɛ ne me nsɛm, m’ano ka nimdeɛ kronkron. 4 Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfo no ahome na ɛmaa me nkwa. 5 Sɛ wubetumi a, yi ano kyerɛ me; Siesie wo ho m’anim, sɔre gyina. 6 Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara, anwemmo mu na wotii me nso fii. 7 Hwɛ, me ho hu rentu wo koma, na me nhyɛso renyɛ wo so duru. 8 Ampa, woaka m’asom, na mate wo nsɛm sɛ wuse: 9 Me de, me ho tew, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumɔyɛ bi nni me ho. 10 Hwɛ, ohu ntɔkwaw nsɛm wɔ me ho, obu me sɛ ne tamfo. 11 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu, ɔkari m’akwan nyinaa. 12 Hwɛ, eyi mu na wonteɛ, merebua wo; na Onyankopɔn so sen ɔdesani. 13 Adɛn nti na wo ne no ham, sɛ ommua ne nsɛm nyinaa ho? 14 Nso Onyankopɔn kasa prɛko ne ne mprenu so, nanso onipa nnwen ho. 15 Ɔdae mu, anadwo adehu mu, nnahɔɔ a atɔ nnipa so mu, nnae so nkotɔ mu, 16 emu na obue nnipa aso, na ɔsɔ wɔn nteɛso ano, 17 sɛ ɔbɛsan onipa afi ne nneyɛe ho, na wayi ahantan ahintaw ɔdesani, 18 na watwe ne kra afi amoa mu, ne ne nkwa nso, na antɔ afoa ano. 19 Na wɔde ɛyaw twe n’aso ne nnae so, ne ne nnompe mu daa aperedi. 20 Na ne nkwa ma aduan fono no, na ne kra po akɔnnɔduan. 21 Ne honam afɔn ma ɛyɛ huna, na ne nnompe a anka wonhu po ada adi. 22 Na ne kra bɛn ɔsɛe Amena, na ne nkwa nso bɛn akumfo. 23 Sɛ ɔbɔfo dimafo wɔ hɔ ma no, apem no mu biako, sɛ ɔrekyerɛ onipa nea ɛteɛ ma no a, 24 ɛno na ohu no mmɔbɔ ka sɛ: Kogye no, na wankɔ ɔsɛe Amena no mu, na manya agyede, a, 25 ɛnne ne honam yɛ bɛtɛɛ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu. 26 Ɔkotɔ Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ohu n’anim anigye mu, na ɔdan ɔdesani trenee ma no, 27 na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea nea ɛteɛ no, nanso ɔne me anni no sɛnea ɛfata me. 28 Wagye me kra na ankɔ ɔsɛe Amena mu, na me nkwa rehu hann yi. 29 Hwɛ, eyinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho, 30 sɛ ɔbɛsan ne kra afi ɔsɛe Amena ho, na wanya hann, nkwa hann no mu. 31 Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ komm, na menkasa. 32 Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me, kasa, na wo bemdi bɛyɛ me fɛ. 33 Sɛ ɛnte saa a, ɛnne tie me ara, yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana