Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 32 - KYERƐW KRONKRON


Elihu asɛnka a edi kan. Ɔkyerɛ nea enti a ɔkasa

1 Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, efisɛ ɔyɛ n’ani so treneeni.

2 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ofi Ram abusua mu bo fuwii Hiob, sɛ obu ne ho treneeni sen Nyankopɔn.

3 Na ne bo fuw ne mfɛfo baasa no nso, sɛ wonnya mmuae bi bio, nanso wobuu Hiob fɔ.

4 Na Elihu twɛn maa Hiob ne ne mfɛfo no kasae ansa, efisɛ wɔsen no panyin.

5 Na Elihu hui sɛ mmuae bi nni mmarima baasa no anom bio no, ne bo fuwii.

6 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buae sɛ: Me de, meyɛ abofra, na mo de, moyɛ nkwakoraa, enti na metɔɔ me bo ase, na misuroe sɛ mɛka nea minim makyerɛ mo.

7 Mekae sɛ: Wɔmma onyinkyɛ nkasa, Yiw na mfe dodow nkyerɛ nyansa.

8 Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdesani mu ne Otumfo ahome na ɛma no nhumu.

9 Ɛnyɛ wɔn a wɔanyin pii na wonim nyansa, na ɛnyɛ mpanyin na wohu atemmu mu.

10 Enti na mise: Muntie me; me nso mɛkyerɛ nea minim.

11 Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie, mayɛ aso mama mo nhumusɛm, sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm.

12 Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo, na hwɛ, obi nni mo mu a ɔkaa nea ɛtɔ Hiob asom, na otumi buaa ne nsɛm no.

13 Na monnka sɛ: Yɛahu nyansa; Onyankopɔn na ɔmmɔ no ngu, na ɛnyɛ onipa.

14 Efisɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me, na me nso, meremfa mo nsɛm no mimmua no.

15 Wɔn abam abu, wɔremmua bio, na wɔn anom nsɛm nso asa.

16 Na sɛ wɔnkasa bio, na wogyina hɔ, na wommua bio nti, mentwɛn anaa?

17 Me nso mebua me fam de, me nso, mɛkyerɛ nea minim.

18 Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me.

19 Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wontuu ano, sɛ nsa kotoku foforo a ɛrepɛ apae.

20 Mɛkasa, na manya ahomeye; mebue m’ano, na mabua.

21 Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,

22 na minnim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfo afa me akɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan