Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 31 - KYERƐW KRONKRON


Hiob kyerɛ sɛ n’abrabɔ teɛ

1 Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabun?

2 Na anka dɛn ne Onyankopɔn kyɛfa a efi soro, ne Otumfo agyapade a efi sorɔnsorɔnmmea?

3 So ɛnyɛ ɔsɛe ne obusufo ade, na akatua dennen ne amumɔyɛfo kyɛfa anaa?

4 So ɛnyɛ ɔno na ohu m’akwan, na ɔkan m’anammɔntutu nyinaa?

5 Sɛ midii ahuhude akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a,

6 ɔnkari me nseniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhu me mudi no.

7 Sɛ me nan man fii ɔkwan no so, na me koma dii m’aniwa akyi, na nkekae wɔ me nsam a,

8 ɛnne wɔmma minnua na obi nni, na wontutu me nnɔbae ngu.

9 Sɛ wɔdaadaa me koma ɔbea bi ho, na metɛw me yɔnko pon ano a,

10 ɛnne ma me yere nyam mma obi, na ebinom nkom no so,

11 na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm, na ɛno ne asɛnnifo anim amumɔyɛ.

12 Na ɛno ne ogya a ɛhyew kɔ ɔyera amoa mu, na anka ebetutu me nnɔbae nyinaa.

13 Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmu hwee bere a wɔne me wɔ ɔham bi a,

14 ɛnne sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ? Na sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no?

15 So ɛnyɛ nea ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na obiakofo na osiesiee yɛn nyinaa ɛna yam?

16 Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho, na mama akunafo ani abu,

17 na me nkutoo madi me m'aduan, na ayisaa anni mu bi a,

18 mmom efi ne mmofraase na meyɛn no sɛ agya, na efi ne na yam na mekyerɛɛ no kwan,

19 sɛ mahu obi a ntama abɔ no nti ɔreyera, na nkataho bi nni ohiani nsam,

20 na sɛ n’asen mu anhyira me, na wamfa me nguammaa nwi anhyɛ ne ho hyew,

21 na sɛ mama me nsa so ayisaa so, efisɛ mihuu me boa kurow pon mu a,

22 ɛnne me mmati nhuan mfi ne dompe so, na me nsa mmubu mfi ne dompe so.

23 Efisɛ mmusu a efi Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.

24 Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso, na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no,

25 na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, ne sɛ me nsa aka ade bebree,

26 na sɛ mihuu owia hann sɛ ɛhyerɛn, na ɔsram nam ne haran mu,

27 na ɛdaadaa me koma kokoam, na m’ano few me nsa ho de mae a,

28 na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi ɛno nso ne ɔtemmufo anim amumɔyɛ bi.

29 Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho san me sɛ bɔne ato no a,

30 nso mamma m’ano anyɛ bɔne, sɛ mede nnome mɛhwehwɛ ne wu,

31 ampa ara, me ntamadan mufo anka sɛ: Hena na Hiob maa no nam a ammee no?

32 Ɔhɔho biara ansoɛ abɔnten so, mibuee me pon mekyerɛɛ akwantufo,

33 sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumɔyɛ misiee me kokom,

34 efisɛ misuroo nkurɔfo dodow na abusuafo ahohorabɔ yii me hu, na ɛma meyɛɛ komm, mamfi me pon ano mamfi adi a —

35 O, sɛ anka merenya obi a obetie me ɛ! (Hwɛ, m’agyirae ni! Otumfo mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no bɛkyerɛw asɛm a ɔne me wɔ no ɛ!

36 Anka ampa ara mede mɛto me mmati, mede mɛbɔ me ti sɛ abotiri,

37 anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutu dodow, metwiw mabɛn no sɛ ɔhene.

38 Sɛ m’asase teɛm hyɛ me, na n’akofi de nne koro su,

39 na sɛ midii n’aba na mamma sika, na memaa ɔdede hweree ne kra a,

40 ɛnne ma nsɔe mmesi awi ananmu mfifi, na nnɛnkyɛnse mmesi atoko ananmu. Hiob nsɛm no asi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan