Hiob 30 - KYERƐW KRONKRONHiob kyerɛ ne mprempren asetena mmɔbɔ a ɛyɛ 1 Na afei wɔn a midi wɔn panyin koraa serew me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn mɛhyɛ m’akraman a wɔhwɛ me nguankuw so no mu, 2 wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa? 3 Ohia ne ɔkɔm nti wɔatwintwam, wɔwewe nkyerekyerewa so nea ɛhɔ yɛ sakasaka, kusuu ne basabasa; 4 wɔtetew nkyenhaban nnua so, na sare so nnua ntini ne wɔn aduan. 5 Wɔatu wɔn afi nnipa mu, wohuro wɔn sɛ owifo. 6 Mmonhwa a ɛhɔ yɛ hu mu na wɔtetee, ɛfam ne abotan mu ntokuru mu; 7 Nnua ntam na wɔbobom, nsasono ase na wɔsam. 8 Nnyennyentwi mma ne wɔn, wɔn a wonni din mma nso, wɔapam wɔn afi asase so. 9 Na afei madan wɔn sanku dwom, na mayɛ wɔn sɛmmɔdɛ. 10 Wokyi me, wɔma me ne wɔn ntam pan, na wɔnkame sɛ wɔtetew ntasu gu m’ani so. 11 Na sɛ Onyankopɔn asan me hama na wabrɛ me ase nti, wɔn nso atow ahohyɛso akyene wɔ m’anim. 12 Me nifa so na ahuhufo no asɔre, wosum me nan, na wɔdan wɔn sɛe akwan ba me so. 13 Wodwiriw me kwan, wɔboa me sɛe, nso obi bi nsianka wɔn. 14 Wɔba sɛ obuba a emu trɛw, wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba. 15 Ahuyide adan akyerɛ me so, wɔpam me bakomadi sɛ mframa, na me yiyedi asen kɔ sɛ omununkum. 16 Na afei me kra nan gu me mu, amanehunu nna asuso me mu. 17 Anadwo gurow me nnompe wɔ me mu, na ɛyaw a ɛwe me no nnyae; 18 emu den nko ara nti m’atade asakra, emia me sɛ me kamisaa kɔn. 19 Watow me akyene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔte ne nso. 20 Misu mefrɛ wo, na wunnye me so, migyina hɔ, na wohwɛ me haa. 21 Woadan ayɛ sɛ otirimmɔdenfo ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asi. 22 Woma me so ma metena mframa so kɔ, na woma menan huuyɛ mu. 23 Na minim sɛ wode me bɛsan ama owu ne ofi a ateasefo hyia mu no. 24 Nanso so obi nteɛ ne nsa nhwehwɛ ogye odwiriw mu, na sɛ obi reyera a, onsu mfrɛ ɔboafo anaa? 25 So mansu mamma nea ɔwɔ amane mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa? 26 Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba. 27 M’ayamde huru, na ennyae, amanehunu nna ato me. 28 Mabiri tumm menenam, nso emfi awia, mesɔre bagua mu na meteɛm. 29 Madan sare so akraman nua, ne sohoribere adamfo. 30 Me were abiri rewae afi me ho, na ahohuru nti me nnompe ahyew. 31 Na me sanku adan abooboodi, na me bɔtɔwa adan asufo nne. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana