Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 29 - KYERƐW KRONKRON


Hiob kyerɛ n’ahotɔ a atwam

1 Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:

2 O, sɛ anka mɛyɛ sɛ mete kan asram no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no ɛ!

3 Bere a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantew sum mu no!

4 Sɛnea na mete me twabere nna mu, bere a Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no;

5 bere a Otumfo ne me da so wɔ hɔ, na me mmofra nso atwa me ho ahyia,

6 bere a me nan ho fɔwee nufusu mu srade mu, na abotan maa ngo asubɔnten sen me hɔ no.

7 Mifi adi mekɔ kurow pon ano, na mede m’agua misi mprae so a,

8 mmerante hu me, na wohintaw, na nkwakoraa sɔre gyinagyina.

9 Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butuw wɔn ano.

10 Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkrɛma fam wɔn dodom.

11 Na aso te a, ehyira me, na aniwa hu me a, edi me adanse.

12 Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osu frɛ ɔboafo, ne ayisaa a onni boafo.

13 Nea ɔyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbea kunafo nya abotɔyam.

14 Mifura trenee na efura me, m’atemmusɛm te sɛ atade yuu ne abotiri:

15 Meyɛɛ aniwa maa onifuraefo, ne nan nso maa apakye;

16 meyɛɛ agya maa ahiafo, na nea minnim no mpo asɛm, mehwehwɛɛ mu maa no;

17 na mibubuu omumɔyɛfo sebɔmmɔfo, na mihwim afow ade mifii ne se mu.

18 Na mekae sɛ: Me berebuw ara mu na megyaa mu, na mama me nna adɔɔso sɛ nwea;

19 me ntini mu bebue ama nsu, na obosu nso atena mman so.

20 M’anuonyam yɛ foforo ma me, na me ta anya denyɛ foforo me nsam.

21 Me na wotie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotu;

22 me kasa akyi wɔnsan nkasa bio, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:

23 Na wɔtwɛn me sɛ wɔtwɛn osutɔ, na wɔtɛɛ wɔn anom sɛnea wɔde regye adonsu.

24 Meserew mekyerɛ wɔn a anidaso abɔ wɔn, na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase.

25 Mepaw wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitiriw, na metenaa hɔ sɛ ɔhene asafo mu, sɛ nea ɔkyekye abooboodifo werɛ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan