Hiob 28 - KYERƐW KRONKRONƐhe na nyansa fi? Mpɛɛpɛe Nyankopɔn nyansa mu 1 Yiw dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhoro. 2 Dade nso wotu no fam, na wɔnan abo yɛ kɔbere. 3 Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kodu akyirikyiri pɛ sum kabii ne sunsum mu abo. 4 Wotu nkron nea obi nte hɔ, anammɔn a etwam werɛ fi no, ɔsensɛn hɔ, wodi ahim nea ɔdesani bi nni hɔ. 5 Asase wɔ hɔ yi, aduan fi mu ba, na n’ase nso, wɔdan ani sɛ ogya. 6 Hoabo dabea ne n’abo no mu, na sikafuturu nso wɔ hɔ. 7 Ɛyɛ ɔkwan a ɔkɔre po nnim, na akoroma aniwa nhui da, 8 anworanworammoa ntiatiaa so, na gyatabiri mfaa hɔ. 9 Ɔteɛ ne nsa ka ɔbohemmaa, obutuw mmepɔw ne ntini mu. 10 Otwitwa aka abotan mu, na n’aniwa hwɛ aboɔdenne nyinaa. 11 Osisiw asuasu kwan na ansosɔ, na ade a ahintaw no, oyi ba hann mu. 12 Na nyansa de, ɛhe na wobehu, na ɛhe na nhumu afa wɔ? 13 Ɔdesani nnim ne bo, na wonhu ateasefo asase so. 14 Obon donkudonku ka sɛ: Enni me mu. Na ɛpo ka sɛ: Enni me hɔ. 15 Wɔmfa sika amapa nsi ananmu nnye, na wɔnkari dwetɛ ntua ne ti bo. 16 Wɔnkari no Ofir sika so ntɔ, wɔmfa apopobibiribo a ne bo yɛ den ne hoabo ntɔ. 17 Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho, na wɔmfa sika nnwinne nsesa. 18 Wɔmmɔ nhene panyin ne abo a ɛhyerɛn din, na nyansa bo sen nhene pa de. 19 Etiopia asase so akrate bo ne no nsɛ, na wɔmfa sika amapa nkyerɛ ne bo. 20 Ɛnne ɛhe na nyansa fi ba? Na ɛhe na nhumu tenabea wɔ? 21 Wɔde ahintaw ateasefo nyinaa aniwa, wɔakata so ɔsoro nnomaa anim. 22 Ɔyera amoa, ne owu ka sɛ: Yɛde yɛn aso ate ne nka. 23 Onyankopɔn na ohu ne kwan mu, na ɔno na onim ne tenabea; 24 na ɔno na ɔhwɛ asase awiei, ɔsoro ase nyinaa nso, ohu. 25 Ɔhyɛɛ mframa duru too hɔ, na ɔhyɛɛ nsu sɛ ne nsusuwii te no, 26 bere a ɔhyɛɛ osu ahyɛde, na ɔyɛɛ ɔkwan maa n’aprannaa asraman no, 27 ɛno na ohui na oyii no adi; ɔde sii hɔ na ɔpɛɛpɛɛ mu. 28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho fi, ne nhumu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana