Hiob 25 - KYERƐW KRONKRONBildad asɛnka a etwa to: Hena ne onipa wɔ Onyankopɔn anim? 1 Ɛnna Suhini Bildad buae sɛ: 2 Tumidi ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoe ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ. 3 So n’asafo ano wɔ abuye? Na hena na ne hann renhyerɛn no so? 4 Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew? 5 Hwɛ, ɔsram po, ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim, na nsoromma ho ntew n’ani so. 6 Na menne ɔdesani, abubummabaa yi, ne onipa ba, aboaa yi! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana