Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 23 - KYERƐW KRONKRON


Hiob srɛ sɛ: Onyankopɔn mma onnyina n’atemmu agua anim

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Ɛnnɛ na me nkɔmmɔdi mu ayɛ den, na me pira ayɛ den asen m’apinisi.

3 O, sɛ anka minya mihu nea mehu no, na mikodu ne tenabere ɛ!

4 Anka mehwie m’asɛm agu n’anim, na mabisabisa no nsɛm ara yiye.

5 Na anka mehu nsɛm a ɔde bebua me, na mate nea ɔbɛka akyerɛ me.

6 So tumi dodo na ɔde ne me bɛham? Daabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me.

7 Ɛhɔ na ɔteneneeni ne no beyi ntɛn, na mafi me temmufo nsam korakora.

8 Hwɛ, mekɔ m’anim, nso onni hɔ, ne m’akyi nso, nso minhu no;

9 na ɔyɛ n’ade benkum a, m’ani mmɔ no so, ɔman nifa a, minhu no.

10 Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.

11 Ne nammɔn mu na me nan tintimii dennennen, mahwɛ ne kwan, na mamman.

12 N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.

13 Nso ɔno de, ɔnsakra da, na hena na ɔbɛsan no? Na nea ɔpɛ na ɔyɛ.

14 Nea wahyɛ ama me na ɔbɛma aba, na ade a ɛte sɛɛ pii na ɛwɔ ne tirim.

15 Enti ehu ka me n’anim, midwen me tirim, na me ho popo wɔ ne ho.

16 Na Onyankopɔn ama me koma abubu, na Otumfo no ayi me hu,

17 efisɛ manyera esum no mu, na wakata esum kabii no so m’anim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan