Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 2 - KYERƐW KRONKRON


Satan san sɔ Hiob hwɛ

1 Na da foforo bi, ɔsoro dɔm no bae sɛ wobegyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae bi sɛ obegyina AWURADE anim.

2 Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

5 Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, oni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kyɛe so.

7 Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe, na ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.

8 Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.

9 Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!

10 Na Hiob buaa no sɛ: Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.


Hiob nnamfonom bɛsra no

11 Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba no so yi nyinaa no, wɔn mu biara fi nea ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wobehyiae sɛ wobegyam no na wɔakyekye ne werɛ.

12 Na wofi akyirikyiri momaa wɔn ani so, na wohuu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ ɔsoro guu wɔn atifi.

13 Na wɔne no tenatenaa fam nnansɔn adekyee ne adesae, na obiara ne no ankasa efisɛ wohui sɛ n’amanehunu no so dodo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan