Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 19 - KYERƐW KRONKRON


Hiob nim sɛ Onyankopɔn begye no

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Mobɛhaw me kra akosi da bɛn, mode nsɛm abubu me pasaa?

3 Mpɛn du ni a moasopa me, mo ani nwu sɛ mohow me werɛ.

4 Na mpo, sɛ ampa na mafom a, me so na mfomso no da.

5 Sɛ ampa sɛ moma mo ho so hyɛ me, na muyi me m’ahohora ho ntɛn a,

6 ɛnne munhu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asawu atwa me ho ahyia.

7 Hwɛ, ayayade nti meteɛ mu, nso wonnye me so; misu mefrɛ ɔboa, nso ogyefo bi nni hɔ.

8 Ɔde ban atwa me kwan mu, na mintumi mensen, na me kwan so aduru sum.

9 Wayi m’anuonyam afi me so, na wahotiri me ti so abotiri.

10 Wabubu me afa nyinaa a minni hɔ bio, na watu m’anidaso ase sɛ dua.

11 Wama n’abufuw afram me so, na obu me sɛ n’atamfo mu biako.

12 N’asafo horow bɔɔ mu bae, na wɔbɔɔ wɔn akwan wɔ me so, na wɔbɔɔ nsra twaa me ntamadan ho hyiae.

13 Wayi me nuanom afi me ho kɔ akyirikyiri, na m'amannimfo adannan me ahɔho koraa;

14 m’abusuafo atwe wɔn ho kɔ, na me nnamfo paa werɛ afi me;

15 wɔn a wɔbɛtena me fi ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho, madan wɔn ani so ɔnanani;

16 mefrɛ m’akoa na ommua me, mede m’ano mepa no kyɛw po.

17 Me yere po kyi me home, me yafumma mpo mpɛ m’ahomegu.

18 Ntɔtɔfifiwa po bu me animtiaa, mise mesɔre a, wɔkasa tia me.

19 Me ho yɛ me nnamfo pa nyinaa nwini, na m’adɔfo adan wɔn ani ahyɛ me.

20 Me nnompe fomfam me were ne me nam ho, na me se ho were nko na mede mafi mu.

21 Munhu me mmɔbɔ, munhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Onyankopɔn nsa aka me.

22 Adɛn nti na mutiw me sɛ Onyankopɔn, na me nam nso mmee mo?

23 O, sɛ anka wɔrekyerɛw me nsɛm ɛ! Sɛ wɔde rehyɛ nhoma mu ɛ!

24 Sɛ wɔde dade kyerɛw ade ne sumpii rekurukyerɛw ɔbotan mu na atena hɔ daa ɛ!

25 Na me de, minim sɛ me dimafo te ase, na awiei no, obedi m’asɛm ama me wɔ asase yi so.

26 Na wɔasɛe me were sɛɛ yi akyi no, na metu mafi me honam mu makɔhwɛ Onyankopɔn.

27 Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa behu, na ɛnyɛ obi foforo. M’asaabo resa wɔ me mu.

28 Sɛ muse: Yɛbesi dɛn atiw no, Na yɛahu asɛm no ase wɔ ne hɔ, a,

29 munsuro afoa, efisɛ abufuhyew de afoa asotwe ba, na moahu sɛ atemmu wɔ hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan