Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 14 - KYERƐW KRONKRON


Hiob di onipa mmɔborɔyɛ ho abooboo

1 Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no;

2 opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.

3 Na so oyi so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmu mu w’anim?

4 Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.

5 Sɛ wɔahyɛ ne nna ato hɔ, na n’asram dodow wɔ wo tirim, na woatwa ɔhye a ɔrentwa ho ama no a,

6 ɛnne yi w’ani fi no so na ɔnhome nkosi sɛ obewie ne da sɛ ɔpaani.

7 Na dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne nnubaa remmɔ no:

8 Sɛ ne ntini kyenkyen ɛfam, na ne nsim wu dɔte mu a,

9 nsu hua nti ɛfefɛw, na eyiyi abaa sɛ dua a wɔatɛw;

10 na onipa de, owu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?

11 Nsu fi po mu dɔ mpumpunase, na asu nso mem na ɛyow:

12 Saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔre. Ɔsoro nnya ntwaam yi, wɔrennyan, na wɔrenwosow wɔn mfi wɔn nna mu.

13 Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!

14 So onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba.

15 Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.

16 Nanso afei de, wokan m’anammɔn, na wunyi w’ani mfi me bɔne so.

17 Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotoku mu, na woakyekye me bɔne ano.

18 Ampa ara bepɔw po hwe ase yera, na ɔbotan nso twiw fi n’afa;

19 abo nso, nsu fi mu, ne yiri pra fam dɔte kɔ, na ɔdesani anidaso, woma ɛyera.

20 Wutintim no so ma otwam kɔ, wosakra n’anim na wusum no kɔ;

21 ne mma nya anuonyam mpo a, onnim, na sɛ wɔbrɛ wɔn ase nso a, onhu mma wɔn.

22 N’ankasa ne honam yaw nka na ɔte, na ne kra di n’ankasa ne ho abooboo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan