Hiob 13 - KYERƐW KRONKRONHiob bɔ ne nnamfo Onyankopɔn trenee ho kɔkɔ 1 Hwɛ, m’ani ahu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate ase; 2 nea munim no, me nso minim; mentɔ mu wɔ mo mu. 3 Me de, mepɛ sɛ anka me ne Otumfo no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn beyiyi nsɛm ano. 4 Na mo de, moyɛ atorofo, ayaresafo ahuhufo ne mo nyinaa. 5 Sɛ mumua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ nyansa ma mo. 6 Muntie m’atɛnyi, na monyɛ aso mma m’anoyi. 7 So mobɛka nea ɛnteɛ ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no? 8 So mubegye ne ti, anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn? 9 So ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi yiye, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛ wɔdaadaa ɔdesani? 10 Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoam a, ɔbɛka mo anim ampa. 11 So ne kɛseyɛ rentu mo bo, na ne ho hu mma mo so? 12 Mo mmɛ yɛ nso mmebusɛm, mo anoyi yɛ dɔte anoyi. 13 Mummua mo ani mfi me so, na me ara menkasa, na nea ɛbɛba me so mmra. 14 Adɛn nti na memfa me honam mintua me se ano, na memfa me kra mento me nsam? 15 Sɛ ɔrekum me mpo a, mehwɛ ɔno ara; m’akwan nko na mɛpere n’anim; 16 eyi ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ ɔbɔnefo remma n’anim. 17 Muntie, muntie nea mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛase nhyɛn mo asom. 18 Hwɛ, masiesie asɛnni mato hɔ, minim sɛ me na medi bem. 19 Hena ne nea ɔne me bɛham? Ɛnne anka mɛyɛ komm na magyaa mu. 20 O AWURADE sɛ woyɛ ade abien pɛ ma me a, anka meremfa me ho minhintaw mfi w’anim: 21 Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu nnkita me; 22 ɛno na frɛ me, na me nso megye so, anaasɛ mɛkasa, na woabua me. 23 Me bɔne ne me mfomso si ahe ara? Ma minhu me mmarato ne me bɔne. 24 Adɛn nti na wode w’ani hintaw, na wubu me wo tamfo? 25 So wubeyi ahaban a mframa de kɔ ahii, na wubetiw nkraadua a aguan? 26 Na wokyerɛw me ho nsɛm yawyaw na woma midi me mmerantebere mu bɔne so ade. 27 Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wutwa m’anammɔn ho hye. 28 Nso onipa de, ɔporɔw sɛ dufɔkye, sɛ ntama a nwewee redi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana