Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 11 - KYERƐW KRONKRON


Sofar asɛnka a edi kan: Ɛsɛ Hiob sɛ ɔbrɛ ne ho ase Onyankopɔn anim

1 Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:

2 So wɔremmua nsɛnnodow yi anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkrɛmafo nni bem?

3 So wo kasa birebire bɛma nnipa amua wɔn ano? Na sɛ wudi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwu anaa?

4 Na woaka sɛ: Me kyerɛ yɛ gyenennyenen, na me ho tew wɔ Onyankopɔn anim.

5 Oo anka ma Onyankopɔn nkasa na ommue n’ano nkyerɛ wo.

6 Na wakyerɛ wo, ne nyansa mu ahintasɛm, sɛ emu dɔ yiye, na hu sɛ Onyankopɔn yi n’ani fi w’amumɔyɛ no bi so.

7 So wobɛbɔre ahu Onyankopɔn anaasɛ wubehu akodu Otumfo pɛyɛ mu?

8 Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, dɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ asaman, dɛn na wunim?

9 Ne nsusuwii ware sen asase, na ɛtrɛw sen ɛpo.

10 Sɛ otwam ba, na ɔde nnipa gu nnua mu na ohyia asɛnni a, ɛnne hena na obesianka no?

11 Na ɔno na onim nnipa ahuhufo, na ohu abusude, nanso ommu.

12 Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa koma a, na ɛte sɛ wɔawo ahafurum sɛ onipa.

13 Sɛ wo de, wusiesie wo koma, na wotrɛw wo nsam kyerɛ no a,

14 sɛ amumɔyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri, na mma abusude nntena wo ntamadan mu.

15 Ɛno na wobɛma w’ani so a wunni dɛm, na wubetim pintinn a worensuro.

16 Na wo werɛ befi wo haw, wobɛkae no sɛ nsu a asen.

17 Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee, esum bɛdan sɛ adekyee.

18 Na wubenya abotɔyam sɛ anidaso wɔ hɔ, wobɛhwɛ wo ho ahyia, na woada dwoodwoo.

19 Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu, na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ dom.

20 Na abɔnefo de, wɔn ani so besiw na guankɔbea bɛbɔ wɔn, na wɔn anidaso bɛdan wɔn owu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan