Hiob 1 - KYERƐW KRONKRONHiob sɔhwɛ 1 Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na odi mu, ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho. 2 Na ɔwoo mmammarima baasɔn ne mmammea baasa. 3 Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa. 4 Na ne mmammarima no kɔtow pon wɔ obiako biara fi, obiara ne ne da, na wɔsoma kɔfrɛfrɛ wɔn nuammeanom baasa no bae sɛ wɔne wɔn mmedidi na wɔnnom. 5 Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa. Hiob trenee 6 Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae. 7 Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba. 8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho. 9 Na Satan buaa AWURADE sɛ: So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no? 10 So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so. 11 Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa! 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe. 13 Na da bi a, ne mmammarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panyin fi. 14 Ɔbɔfo bi baa Hiob nkyɛn bɛkae sɛ: Anantwi no refɛntɛm na mfurum abere no nso redidi wɔn nkyɛn mu, 15 ɛnna Sabafo abegu wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmerante no, wɔde nkrante akunkum wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo. 16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo. 17 Ɔno da so rekasa no, obi bae bɛkae sɛ: Kaldeafo abɔ tukuw abiɛsa abɛtow ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmerante no, wɔakunkum wɔn nkrante ano, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo. 18 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo nso bae bɛkae sɛ: Wo mmammarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom nsa wɔn nua panyin fi, 19 na hwɛ, mframa kɛse fi sare so aba abɛbɔ ɔdan no twea anan no, na adwiriw agu mmerante no so ma wɔawuwu, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo. 20 Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atade mu, na oyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn, 21 na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no. 22 Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, sɛ ɔbɛkasa atia Onyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana