Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 8 - KYERƐW KRONKRON


Asɔrefi akyide ho anisoadehu

1 Na afe a ɛto so asia, ɔsram a ɛto so asia, da a ɛto so anum a mete me fi na Yuda mpanyimfo tete m’anim no, AWURADE Nyankopɔn nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.

2 Na mehwɛe, na hwɛ, suban bi a ɛte sɛ ogya ni, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ fam yɛ ogya, na efi n’asen so de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani.

3 Na oyii biribi a ɛte sɛ nsa sɛso, na osoo m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Onyankopɔn anisoadehu no mu, de me baa emu fam ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, nea ninkuntwe honi bi a eyi ninkunu si hɔ.

4 Na hwɛ, Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ hɔ sɛ ade a mihui, obon no mu no.

5 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so mekɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔremuka ponkɛse no atifi fam na ninkuntwe honi no si abobow ano.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea wɔreyɛ yi? Akyide akɛse a Israel fi reyɛ ha yi, sɛ mimfi me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsan ahu akyide akɛse bio.

7 Na ɔde me baa abangua so pon ano, na mehwɛe, na hwɛ, tokuru biako wɔ ɔfasu no mu.

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, funu fasu no mu ɛ! Na mifunuu ɔfasu no mu, na hwɛ, ɔpon bi ni.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛn mu kɔhwɛ akyide bɔne a wɔreyɛ wɔ ha.

10 Ɛnna mehyɛn mu mekɔhwɛe, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa horow a wokyi nyinaa ne Israel fi abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu no ho ahyia yi.

11 Na mmarima aduɔsɔn a wofi Israel fi mpanyimfo mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhuamhyew kuku kurakura wɔn nsam, na aduhuamhyew wusiw hua sɔree.

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea Israel fi mpanyimfo reyɛ esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmiako mmiako? Efisɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agyaw asase no.

13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wobɛsan ahu akyide akɛse a wɔreyɛ bio.

14 Ɛnna ɔde me baa AWURADE fi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na mmea tetee resu Tamus.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? Wobɛsan ahu akyide akɛse a ɛsen eyinom bio.

16 Ɛnna ɔde me baa AWURADE fi mu fam abangua so, na hwɛ, AWURADE asɔredan no, ntwironoo ne afɔremuka no ntam no, mmarima aduonu anum a wɔn akyi kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔkotow kyerɛ apuei resɔre owia ni.

17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? So ɛyɛ hare ma Yuda fi sɛ wɔyɛ akyide a wɔyɛ ɛha yi, sɛ wɔde atirimɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasan abehuru me bo? Na hwɛ, wɔde dubaa no ka wɔn hwene.

18 Na me nso, medi no anibere so; m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛse besu agu m’asom de, nanso merentie wɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan