Hesekiel 47 - KYERƐW KRONKRONNsu tue fi asɔrefi hɔ 1 Ɛnna ɔde me san baa asɔredan no pon ano, na hwɛ, nsu fi asɔredan no apongua no ase resen kɔ apuei fam, (na ɔdan no anim kyerɛ apuei), na nsu no resian wɔ ase, ofi no anafo so, afɔremuka no anafo fam. 2 Na ɔde me nam atifi fam ponkɛse no kwan so fii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so kɔntɔn baa anim ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no kwan so, na hwɛ, nsu fi anafo resen. 3 Ɔbarima no fi kɔɔ apuei no, na susuhama kura ne nsam, na osusuw basafa ahanum, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nansabon; 4 na osusuw apem, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nankoroma; na osusuw ahanum, na ɔde me twae, nsu a ɛka asen; 5 na osusuw apem, na ɛyɛ asu a mantumi mantwa, efisɛ nsu no mu dɔ ayɛ sɛ nsu a wɔboro, asu a wontumi ntwa. 6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so woahu? Na ɔde me nam asu no ano san bae, 7 na mesan mebae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asu no ano, ha ne ha. 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare. 9 Na ɔkra teasefo biara a ɛka ne ho baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ no benya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, efisɛ nsu yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsu yare, na ade nyinaa anya nkwa, nea asu no kɔ. 10 Na apofofo begyina so, efi En-gedi kosi En-eglaim bɛyɛ asawu hatabea; emu mpataa bɛyɛ ahorow, sɛ ɛpo kɛse mu nam bebree pa. 11 Ɛho dontori ne atɛkyɛ de, wɔrensa, wɔde bɛma ayɛ nkyene. 12 Na asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wodi ahorow nyinaa befifi; n’ahaban rempo, na n’aba rensa, ɛbɛsosow n’asram so, efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen; na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru. Asase no ahye 13 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi ne ɔhye a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuw dumien no adi so; Yosef de nyɛ ahama abien; 14 na monkyɛ nni so mma obiara de nyɛ sɛ ne nua de, efisɛ ɛho na maka ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo na moadi so. 15 Na asase no hye ni: Ano a ɛda atifi fam: Efi ɛpo kɛse no ano fa Hetlon kwan a wɔrekɔ Sedad no so, 16 Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hye ho no; 17 na ɔhye no fi ɛpo no ano kɔ Hasar-enon, Damasko hye so, na atifi fam de, ɔhye a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a edi atifi fam no. 18 Na ɔhye a ɛda apuei fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, munsusuw mfi ɔhye no so nkɔ apuei po no ano; na ɛne ɔhye a edi apuei fam no. 19 Na ɔhye a ɛda nifa fam kyerɛ nifa no: Efi Tamar kɔ ɔham nsu a ɛwɔ Kades nam Misraim Subon no ano kodu ɛpo kɛse no ano; na ɛne ɔhye a ɛkyerɛ nifa, nifa fam no. 20 Na ɔhye a ɛda atɔe fam ne ɛpo kɛse no fi ɔhye no ano ara kosi Hamat ntentenso; ɛne ɔhye a edi atɔe no. 21 Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛ Israel mmusuakuw no te. 22 Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni so, mo ne ananafo a wɔabɛsoɛ mo mu ahɔho a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapade so ntonto, Israel mmusuakuw no mu; 23 na abusuakuw ko a ɔnanani bi abɛsoɛ mu hɔho no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapade, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana