Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 46 - KYERƐW KRONKRON


Ahenemma no ne afahyɛ no

1 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Emu fam abangua ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no, wɔnto mu ara adwumayɛ nnansia no, na homeda no de, wonhiɛ, na ɔsram foforo da no nso, wonhiɛ.

2 Na ɔberɛmpɔn no mfi ɛho fam mfa ɔponkɛse no ntwironoa kwan so mmegyina ɔponkɛse no apongua ho, na asɔfo no mmɔ ne hyew afɔre ne n’asomdwoe afɔre, na ɔnkotow nsɔre, ɔponkɛse no apongua ase, na omfi adi; na ɔponkɛse no de, wɔnnto mu nkosi anwummere.

3 Na asase no so man no nso nkotow nsɔre ɔponkɛse no ano, home nna ne asram foforo so, AWURADE anim.

4 Na ɔhyew afɔre a ɔberɛmpɔn no mfa mmrɛ AWURADE no ni: Homeda, nguanten asia a wonni dɛm, ne odwennini a onni dɛm,

5 ne aduan afɔre: Odwennini no de, olonka, ne nguanten no ho aduan afɔre a ne nsa bɛso so, ne ngo susutoa a ɛka olonka no ho.

6 Na ɔsram foforo da: Nantwiforo a onni dɛm ne nguanten asia ne odwennini biako a wonni dɛm

7 ne nantwinini no ho olonka ne odwennini no ho olonka na ɔmfa nyɛ aduan afɔre, ne nguanten no de, sɛnea ne nsa bɛso so, ne ngo susutoa a ɛka olonka ho.

8 Na sɛ ɔbirɛmpɔn no rebɛhyɛn mu a, ɔmfa ɔponkɛse no ntwironoa kwan so nkɔ mu, na ɔmfa ne kwan no so mfi adi.

9 Na sɛ asase no so nnipa no reba AWURADE anim, afahyɛ no mu a, nea ɔfa atifi fam ponkɛse no kwan so ba mu bɛsɔre no, ɔmfa anafo fam ponkɛse no kwan so mfi adi, na nea ɔfa atifi fam ponkɛse ano ba mu no, ɔmfa atifi fam ponkɛse no ano mfi adi; ɔnnsan mmfa ɔponkɛse a ɔfaa mu baa mu no mu mmfi adi, na ɔnantew tee mfi adi.

10 Na ɔberɛmpɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefi adi a, ɔne wɔn mfi adi.

11 Na nnapɔnna ne afahyɛ no mu aduan afɔre nyɛ nantwinini ho olonka ne odwennini ho olonka, ne nguanten ho sɛnea ne nsa bɛso so, ne olonka ho ngo susutoa.

12 Na sɛ ɔberɛmpɔn no rebɛbɔ ayamye hyew afɔre anaa ayamye asomdwoe afɔre ama AWURADE a, ɛnne wonhiɛ no ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei no, na ɔmmɔ ne hyew afɔre ne n’asomdwoe afɔre sɛnea ɔyɛ homeda no, na omfi adi; na n’adifi akyi no, wɔnto ɔponkɛse no mu.


Daadaa Afɔrebɔde

13 Na oguanten a wadi afe a onni dɛm na fa bɔ ɔhyew afɔre ma AWURADE; anɔpa anɔpa na bɔ;

14 na siesie ɛho aduan afɔre daa anɔpa: Efa nkyɛmu asia mu biako, ne ngo susutoa nkyɛmu abiɛsa mu biako, na wɔmfa mfɔtɔw asikresam no, na ɛnyɛ aduan afɔre mma AWURADE; ɛnyɛ daa ahyɛde daa yi;

15 na munsiesie oguanten no ne aduan afɔre ne ngo no daa anɔpa: Ɛyɛ daa ɔhyew afɔre.

16 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ ɔberɛmpɔn no de n’agyapade no bi kyɛ ne mma no bi a, ɛyɛ ne mma no de, wɔn agyapade mu kyɛfa ne no;

17 na sɛ ɔde n’agyapade no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnne ɛnyɛ ne de nkosi ahofadi afe no so, na ɛnsan nkɔyɛ ɔberɛmpɔn no de bio: Ɛyɛ ne nko agyapade, ne mma na ɛnyɛ wɔn de.

18 Nanso ɔberɛmpɔn no mmfa ɔmanfo no agyapade bi mmpam wɔn mmfi wɔn kyɛfa mu; n’ankasa ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wonni, nea ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu biara amfi wɔn agyapade so.

19 Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɔponkɛse no nkyɛn mu no so kɔɔ adammaa kronkron a ɛyɛ asɔfo dea a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔe fam akyi noho.

20 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfo no bɛnoa asodi ho afɔre ne bɔne ho afɔre no, na wɔatoto aduan afɔre no, na wɔamfa amfi adi ankɔ ɛho fam abangua no so ankɔtew ɔman no ho.

21 Ɛnna ɔde me fii adi baa ɛho fam abangua no so, na ɔma mesen mekɔɔ abangua no twea anan no ho, na hwɛ, abangua no twea biara so no, abangua wɔ hɔ;

22 abangua no ntwea anan no mu na nkuaa a wɔabram ho wowɔe a ne ntwemu yɛ basafa aduonu na ne trɛw basafa dunum, twea so nkuaa anan no nyinaa nsusuwii yɛ biako.

23 Na bamma bi twa nkuaa anan no mu hyia twem, na wɔayeyɛ mmuka, mmamma no ase, de atwa mu ahyia.

24 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne aduannoa adan a ofi no mu asomfo no nnoa ɔmanfo no kum afɔre wɔ hɔ no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan