Hesekiel 43 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn anuonyam san ba asɔrefi hɔ 1 Ɛnna ɔde me baa ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei kwan so no ano. 2 Na hwɛ, Israel Nyankopɔn anuonyam fi apuei kwan so reba, na ne nne te sɛ nsu bebree nne, na n’anuonyam maa asase haranee. 3 Na ade a mihui no su te sɛ ade a mihui a mebae mebɛsɛee kurow no; na ɛyɛ adehu a ɛte sɛ ade a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam. 4 Na AWURADE anuonyam no baa ofie hɔ ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei fam no kwan so. 5 Na honhom no maa me so de me baa emu fam abangua no so, na hwɛ, AWURADE anuonyam no ayɛ ofi no ma. 6 Na metee sɛ obi fi ofi no mu ne me kasae, na ɔbarima bi gyina me nkyɛn. 7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahengua sibea ne m’anammɔn agyinae a mɛtena hɔ, Israelfo mu akosi daa ni! Na Israel fi renhura me din kronkron ho bio, sɛ wɔn ne wɔn ahene de wɔn aguamammɔ ne wɔn ahene afunu yɛe no, wɔn sorɔnsorɔmmea so 8 a wɔde wɔn apon ase too m’apon ase ho na wɔde wɔn apongua nkyɛn mu sii m’apongua nkyɛn mu ho ma ɔfasu nko si me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyide a wɔyɛe huraa me din kronkron no ho ma mehyew wɔn m’abufuw mu no. 9 Afei de, wobeyi wɔn aguamammɔ ne wɔn ahene afunu no afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, na matena wɔn mu akosi daa. 10 Wo, onipa ba, fa ofi yi kyerɛ Israel fi, na wɔn anim ngu ase, wɔn amumɔyɛ ho, na ma wonsusuw nsusuwso a edu pɛ no. 11 Na sɛ wɔn anim gu ase nea wɔayɛ nyinaa ho a, kyerɛ wɔn ofi no suban ne ne nsiesiei, ne n’adifi ne ne muba, ne ne su nyinaa ne n’ahyɛde nyinaa, ne ne ban nyinaa ne ɛho mmara nyinaa, na kyerɛw wɔn anim, na wɔnhwɛ ne su no nyinaa ne ɛho ahyɛde nyinaa, na wonni so. 12 Eyi ne ofi no ho mmara: Bepɔw no atifi, ne ɔhye a etwa ho hyia twem nyinaa nyɛ akronkronne mu kronkron; hwɛ, ofi no ho mmara ni. Afɔremuka no 13 Na eyinom ne afɔremuka no nsusuwii; (basafa a biako yɛ basafa ne nsa mu trɛw so), ne nnyinaso yɛ anammɔn biako ne fa, na ne trɛw yɛ a, anammɔn biako ne fa, na anoano nhyɛase a etwa ho hyia yɛ nsama biako; na eyi ne afɔremuka no ase. 14 Na efi fam nnyinaso no so de kosi ase afofare no so yɛ basafa biako na ne trɛw anammɔn biako ne fa, na efi afofare kumaa no so kosi afofare kɛse no so yɛ basafa abien, na ne trɛw anammɔn biako ne fa; 15 na afɔremuka no korɔn yɛ basafa abien, na efi afɔremuka no so de kɔ soro wɔ mmɛn anan. 16 Na afɔremuka no ntwemu yɛ basafa asia, na ne trɛw asia, n’afanan, ɛyɛ ahinanan; 17 na afofare no ntwemu yɛ basafa asɔn, na n’afanan, ne trɛw yɛ asɔn, na ano a etwa ho hyia no yɛ bɛyɛ anammɔn baako, na ne nnyinaso anammɔn biako ne fa twa ho hyia, na n’aforoe kyerɛ apuei. Afɔremuka no ho tew 18 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyinom ne afɔremuka no ho ahyɛde, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyew afɔre na wɔmpete so mogya no: 19 Asɔfo, Lewifo a wofi Sadok asefo mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ma wɔn nantwiforo na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre, 20 na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn anan ne afofare no ahinanan ne ano a etwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no; 21 na fa bɔne ho afɔre nantwinini no, na hyew no, ofi no baabi a wɔayi ato hɔ, kronkronbea adiwo fam no. 22 Na ɛda a ɛto so abien no, fa ɔpapo a onni dɛm bra bɛbɔ bɔne ho afɔre, na wɔmfa nyi afɔremuka no ho bɔne, sɛnea wɔde nantwinini no yii no. 23 Sɛ wuwie bɔne no yi a, fa nantwiforo a onni dɛm ne nguankuw mu dwennini a onni dɛm bra, 24 na fa wɔn bra AWURADE anim, na asɔfo no mfa nkyene ngu wɔn so, na wɔmfa wɔn mmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE. 25 Nnansɔn na fa ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre daa, na nantwiforo ne nguankuw mu dwennini a dɛm bi nni wɔn ho nso na wɔmfa mmɔ. 26 Nnansɔn na wɔmfa mpata mma afɔremuka no, na wonnwira ho na wɔmfa nhyɛ nsa. 27 Na wowie nna no a, da a ɛto so awotwe de rekɔ yi, asɔfo no mmɔ mo hyew afɔre ne mo asomdwoe afɔre, afɔremuka no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana