Hesekiel 40 - KYERƐW KRONKRONAWURADE ma Hesekiel so adehu mu kɔ Yerusalem 1 Yɛn tukɔ afe a ɛto so aduonu anum no, afe no asefi mu ɔsram no da a ɛto so du no, kurow no bɔ akyi afe a ɛto so dunan mu no, ɛda no ara na AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ; 2 Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me baa Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kurow bi a wɔakyekye anafo fam. 3 Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere de ni, na siwabiri hama ne susuw demmire kura ne nsam, na ogyina ɔponkɛse no ano. 4 Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso te, na fa wo koma to nea merema woahu no nyinaa so; na sɛ ɛbɛyɛ na mama woahu nti na wɔde wo baa ha. Ka nea wuhu yi nyinaa kyerɛ Israel fi. Apuei pon no 5 Na hwɛ, ɔfasu atwa ofi no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tenten yɛ basafa abiɛsa wɔ ne nsam, ne nsam trɛw da anammɔn biako ne fa biara so, na osusuw ɔfasu no trɛw, demmire no biako, na ne korɔn nso demmire biako. 6 Ɛnna ɔbaa ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam kwan so no ho, na ɔforoo n’atrapoe no, na osusuw ɔponkɛse no ano, ɔpon ase a ne trɛw yɛ demmire biako, ɛne ɔpon ase biako a ne trɛw yɛ demmire biako. 7 Ne pia atwemu demmire biako ne ne trɛw demmire biako; ne mpia no ntam basafa abien ne fa abien ne fa; ne ɔponkɛse no pon ase a ɛwɔ ntwironoa a ɛkyerɛ ofi no ho no, demmire biako; 8 na osusuw ɔponkɛse no ntwironoa a ɛkyerɛ ofi no, demmire biako; 9 na osusuw ntwironoa no basafa anan, ne n’adum no, basafa baako, na ntwironoa no kyerɛ ofi no emu fam. 10 Na apuei fam ponkɛse no mpia no, abiɛsa wɔ ha na abiɛsa wɔ ha, n’abiɛsa nyinaa nsusuwii yɛ biako, na ha ne ha adum no nsusuwii yɛ biako. 11 Na osusuw ɔponkɛse no ano trɛw basafa anum, na ɔponkɛse no atwemu si basafa asia ne fa. 12 Na mpia no anim hyekwan anammɔn biako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia biako yɛ basafa abiɛsa wɔ ha ne basafa abiɛsa wɔ ha. 13 Na osusuw ɔponkɛse no fii pia biako atifi de kosii biako atifi, ne trɛw basafa dumien ne fa, ɔpon ne ɔpon di nhwɛanim. 14 Na ɔyɛɛ adum no basafa du, na adum no ho wɔ abangua a etwa ɔponkɛse no ho hyiahyia. 15 Na efi ɔponkɛse a wɔfa mu hyɛn mu no anim kosi emu fam ponkɛse no ntwironoa anim yɛ basafa aduonum anum. 16 Na mfɛnsere ahunaniankansa wowɔ mpia no ne n’adum no ho kɔ ɔponkɛse no mu fam de twa ho hyiahyia, ne ntam fasu no ho saa ara, na mfɛnsere twa mu hyiahyia, na mmɛ wowɔ adum no ho. Ɛho abangua no 17 Ɛnna ɔde me kɔɔ ɛho fam abangua no so, na hwɛ, adammaa wowɔ hɔ, ne abo nsɛwee a wɔayɛ abangua so hɔ atwa ahyia; adammaa aduasa na ɛwɔ abo nsɛwee no ho; 18 na abo nsɛwee no wɔ aponkɛse no nkyɛn mu ma ɛne aponkɛse no atwemu sɛ; ɛne ase abo nsɛwee no. 19 Na osusuw akyiri abangua no, ne trɛw fi ɔponkɛse no anim de kosi emu fam abangua no anim, basafa aduonum, apuei fam ne atifi fam. Atifi pon no 20 Na ɔponkɛse a ani kyerɛ fam, ɛho fam abangua no ho no, osusuw ne ntwemu ne ne trɛw, 21 ne ne mpia, abiɛsa wɔ ha, na abiɛsa wɔ ha, ne n’adum, ne ne ntam fasu; ne nsusuwii te sɛ kan ponkɛse no de no, ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; 22 na ne mfɛnsere ne ntam afasu ne mmɛ no nsusuwii te sɛ ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam no de no; na ntrapoe ason na wɔforo kɔ mu, na ne ntam fasu no sisi anim. 23 Na emu fam abangua no ponkɛse si ɔponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam ne nea ɛkyerɛ apuei fam no ntentenso, na osusuw fii ɔponkɛse ano kosii ɔponkɛse ano basafa aduonum. Anafo pon no 24 Ɛnna ɔde me kɔɔ anafo fam, na hwɛ, ɔponkɛse wɔ anafo fam nso, na osusuw n’adum ne ne ntam fasu sɛ saa nsusuwii no te; 25 na mfɛnsere twa ɛno ne ne ntam fasu ho hyia sɛ saa mfɛnsere no te; ne ntwemu basafa aduonum na ne trɛw basafa dumien ne fa, 26 na n’aforoe yɛ ntrapoe asɔn, na ne ntam fasu sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, biako wɔ ha na biako wɔ ha, n’adum ho. 27 Na emu fam abangua no ponkɛse wɔ anafo fam, na osusuw fii ɔponkɛse ano de kosii ɔponkɛse ano anafo fam basafa aduonum. 28 Ɛnna ɔde me faa nifa fam ponkɛse no mu kɔɔ emu fam abangua so; na osusuw nifa fam ponkɛse no sɛ saa nsusuwii no te, 29 ne ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasu sɛ saa nsusuwii no te, na mfɛnsere wowɔ ho ne ne ntam fasu ho hyia; ne ntwemu si basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; 30 na ntam fasu twa ho hyia, ne ntwemu basafa dumien ne fa, na ne trɛw basafa abien ne fa; 31 na ne ntam fasu no kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, na aforoe no yɛ ntrapoe awotwe. Mfinimfini abangua no ne apuei pon no 32 Ɛnna ɔde me kɔɔ emu fam abangua no so apuei fam; na osusuw ɔponkɛse no sɛ saa nsusuwii no te, 33 na ne mpia na n’adum ne ne ntam fasu te sɛ saa nsusuwii no te, na mfɛnsere twa ɛno ne ne ntam fasu ho hyia, ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; 34 na ne ntam fasu no kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ɛha, na n’aforoe yɛ ntrapoe awotwe. Mfinimfini abangua no: Atifi pon no 35 Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛse no ano, na osusuwii sɛ saa nsusuwii no te, 36 ne mpia, n’adum ne ne ntam fasu; na mfɛnsere twa ho hyia; ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa; 37 na ne ntam fasu kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ha, na n’aforoe yɛ ntrapoe awotwe. Adan a ɛwɔ Atifi pon no ho 38 Na ɔdammaa ne ano pon wowɔ aponkɛse no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔre ho. 39 Na ɔponkɛse no ntwironoa no mu no, apon abien sisi ha na abien nso sisi ha, na ɛho na wokum ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi afɔre; 40 na ntwironoa no akyi nkyɛn mu a ɛda nea woreforo akɔ ɔponkɛse no ano no benkum fam hɔ, apon abien sisi hɔ, na ɔponkɛse no ntwironoa no nkyɛn mu ha nso, apon abien nso sisi hɔ; 41 apon anan wɔ ɔfa ha, na apon anan nso wɔ ɔfa ha, ɔponkɛse no nkyɛn mu, apon awotwe ho na wokum mmoa; 42 na apon anan sisi aforoe no ho, ɛyɛ abo a wɔasen, ne ntwemu basafa biako ne fa, ne trɛw basafa biako ne fa, ne korɔn basafa biako; ɛno so na wɔde ade a wɔde kum ɔhyew afɔre ne okum afɔre no gu; 43 na akɔtɔkoro nta a ɛyɛ nsam trɛw hyehyɛ ɔdan no mu hyia; na apon no so na wɔde ayɛyɛde nam no gu. 44 Na emu fam ponkɛse no akyi na adammaa abien wowɔe, emu fam abangua no so, biako si benkum fam ponkɛse no nkyɛn mu, na anim kyerɛ anafo fam, biako nso si anafo fam ponkɛse no nkyɛn mu, na anim kyerɛ atifi fam. 45 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɔdammaa a ani kyerɛ anafo fam yi yɛ asɔfo a wɔhwɛ ofi no so no dea, 46 na ɔdammaa a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Wɔne Sadok mma a wofi Lewifo no mu a wɔbɛn AWURADE bɛsom no no. Mfinimfini abangua no ne asɔredan no 47 Na osusuw abangua no atwemu basafa aduonum ne ne trɛw basafa aduonum, ɛyɛ ahinanan; na afɔremuka si ɔdan no anim. 48 Ɛnna ɔde me kɔɔ ɔdan no ntwironoa mu, na osusuw ntwironoa no adum no, basafa abien ne fa wɔ ha na basafa abien ne fa wɔ ha, ne ɔponkɛse no trɛw, biako ne fa wɔ ha na basafa biako ne fa wɔ ha; 49 ntwironoa no ntwemu si basafa du, na ne trɛw si basafa anum ne fa, ntrapoe a wɔforo kɔ mu no so; na adum nkuruwankuruwa sisi ntwironoa adum no anim, biako wɔ ha na biako wɔ ha. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana