Hesekiel 38 - KYERƐW KRONKRONGog ba Israel asase so 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, yi w’ani hyɛ Gog, Magog asase so, Ros, Mesek ne Tubal abirempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no, 3 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Ros, Mesek ne Tubal birɛmpɔn! 4 Na mɛdannan wo, na mede akɔtɔkoro mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔfo a wɔn nyinaa hyehyɛ ntade afɛfɛ, asafo bebree, akyɛm akɛse ne nkumaa a wɔn nyinaa kurakura nkrante no aba, 5 Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ akyɛm ne dade kyɛw; 6 Gomer ne n’asafotow nyinaa, Togarma fi a ɛwɔ benkum fam tɔnn ne n’asafotow nyinaa; aman pii ka wo ho. 7 Mia na siesie wo ho, wo ne w’asafo horow a wɔaboaboa wɔn ho ano aba wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn, ɔhwɛfo. 8 Nna pii akyi no wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfe a edi akyiri no mu, wobɛba asase a wɔadan ɛsofo afi nkrante ano de wɔn abesi hɔ na wɔaboa wɔn ano afi aman bebree mu no so, Israel mmepɔw a ɛdedaa mpan daa no so: Na afei wɔayi ɔman no afi aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo; 9 na wobɛba sɛ ahum, wobɛba sɛ omununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asafotow no nyinaa ne aman pii a ɛkeka wo ho. 10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre wo komam na woadwen adwemmɔne, 11 na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no so makotua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu, na wonni aponkɛse ne akyiri adaban, 12 sɛ worekɔfa asade na woafow afow ade, na woadan wo nsa ahyɛ amamfo a afei wɔtete mu, ne ɔman a wɔaboaboa wɔn ano afi amanaman mu na wɔanya mmoa ne nneɛma na wɔte asase mfinimfini no. 13 Seba ne Dedan aguadifo, ne Tarsis adetɔnfo no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asade na worebɛfa yi? Afow nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nneɛmanneɛma na woafom asade bebree yi? 14 Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wubehu, 15 na wubefi wo tenabea benkum fam ano noho tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, asafo kɛse ne dɔm a ɛso, 16 na wubetu aba me man Israel so sɛ omununkum abɛkata asase no so? Nna a edi akyiri no mede wo mɛba m’asase so, na amanaman ahu me, bere a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim no, oo, Gog! 17 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So wone nea mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifo a wɔkaa adiyisɛm nna no mu mfe mfe no, so mekae sɛ mede wo mɛba wɔn so no? 18 Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel so no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, m’abufuw mu yamgya bɛdɛw, 19 na me ninkuntwe mu, m’anibere gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no, ɔwosow kɛse bɛba Israel asase so, 20 na ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa bɛwosow m’anim, ne wuram mmoa ne wɔn a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase ani nyinaa, na mmepɔw bedwiriw agu, na abotan atenten ahwehwe ase, na afasu nyinaa ahwehwe ase. 21 Na mɛfrɛ nkrante mahyɛ no, me mmepɔw nyinaa so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, wɔn nyinaa nkrante, obi de bɛka ne nua; 22 na mede owuyare ne mogya ne wɔn bedi, na mɛtɔ osu a ehwie na ɛsram so ne amparuwbo, ogya ne sufre agu ɔno ne n’asafotow ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so. 23 Na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahu sɛ mene AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana