Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 36 - KYERƐW KRONKRON


Wohyira Israel asase

1 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔw, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔw, muntie AWURADE asɛm:

2 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ ɔtamfo ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn de, nti!

3 Hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ma moadannan apɛgyade ama amanaman no nkae, na ɔkasafo tɛkrɛma da mo so na nkurɔfo sopa mo nti,

4 mo, Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko ne nsubon ne abon no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkurow a wɔagyaw a adannan afow ade ne fɛwdi ama amanaman nkae a ɛwowɔ ho hyia no,

5 enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mekasa mitiaa amanaman nkae no ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyade, wɔn koma nyinaa anigye ne ɔkra ho mpeto mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ afow ade.

6 Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko ne nsubon ne abon no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibere mu na mekasa, efisɛ moasoa amanaman ahohora;

7 enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Me na mama me nsa so; ampa ara, amanaman a ɛwowɔ mo ho hyia no, wɔn ara na wɔbɛsoa wɔn ahohora.

8 Na mo, Israel mmepɔw, mubeyiyi mo abaa na moasow mo aba ama me man Israel, efisɛ wɔabɛn reba.

9 Na hwɛ, meredi mama mo, na madan maba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔw mo, na wɔadua mo so aduan.

10 Na mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fi nyinaa, na wɔbɛtenatena nkurow no mu na wɔakyekyere afoafo no.

11 Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔ awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ mo kan bere no, na mayɛ mo yiye asen mo mfiase, na moahu sɛ mene AWURADE.

12 Na mɛma nnipa anantew mo so, me man Israel no, na wɔafa wo ayɛ wɔn de, na woayɛ wɔn agyapade, na worenkɔ so mma wonni mmasigyaw bio.

13 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Woyɛ nnipadifo, na woma wo man di mmasigyaw nti,

14 worenni nnipa nna bio, na woremma wo manfo nni mmasigyaw bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

15 Na meremma wonte amanaman ahohorabɔ bio, na worensoa aman nsopa bio, na woremma wo man nni mmasigyaw bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Koma foforo ho bɔhyɛ

16 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, Israel fi tenaa wɔn asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nsɛnnii guu ho fi; wɔn bra no te sɛ ɔbea a wayɛ bra fi wɔ m’anim.

18 Ɛnna mihwiee m’abufuhyew miguu wɔn so, mogya a wohwie guu asase no so no nti, ne wɔn abosom a wɔde guu ho fi no nti;

19 na mepansam wɔn miguu amanaman mu, na wɔhwetee wɔn mu guu nsaase so; wɔn bra ne wɔn nsɛnnii so na mibuu wɔn atɛn.

20 Na woduu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wohuraa me din kronkron no ho, sɛ wɔkae wɔn ho sɛ: AWURADE man ne eyinom, nanso wɔafi n’asase so kɔ.

21 Ɛnna mekyɛee me din kronkron a Israel fi huraa ho, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no so.

22 Ɛno nti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Israel fi, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a muhuraa ho, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu no nti.

23 Na mɛyɛ me din kokuroko a wɔahura ho, amanaman mu, na moahura ho wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman no ahu sɛ mene AWURADE, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn aniwa mu;

24 na mɛfa mo afi amanaman no mu, na maboaboa mo ano afi nsaase no nyinaa so, na mede mo asan aba mo asase so.

25 Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,

26 na mɛma mo koma foforo, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na meyi ɔbo koma no afi mo honam mu, na mama mo ɔhonam koma.

27 Na mede me honhom mɛhyɛ mo mu, na mama moanantew m’ahyɛde so, na moahwɛ m’atemmude ayɛ.

28 Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.

29 Na megye mo afi mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduan ma adɔɔso, na meremfa ɔkɔm bi memma mo so,

30 na mɛma nnua aba ne mfuw mu nnɔbae adɔɔso, na moansoa ɔkɔm ho nsopa, amanaman mu bio.

31 Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛe a enye no, na mo amumɔyɛ ne mo akyide no nti, mo ho ayɛ mo nwini, mo anim.

32 Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, munhu no sa. Momma mo ani nwu na mo anim ngu ase mo akwan ho, Israel fi.

33 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a mɛtew mo ho afi mo amumɔyɛde nyinaa mu no, mɛma nnipa asan atenatena nkurow no mu, na wɔakyekyere afoafo no,

34 na wɔadɔw asase a ɛda hɔ hunu no asi ne hunu a ɛdae, wɔn a wotwam nyinaa anim, no ananmu;

35 na wɔbɛka sɛ: Asase yi a ɛdaa hɔ hunu no na adan sɛ Eden turo yi, na nkurow afoafo a ɛdedaa mpan a adwiridwiriw no na wɔatoto ho afasu tete mu yi.

36 Ɛnna amanaman a ɛbɛka mo ho ahyia no behu sɛ me, AWURADE, na masisi nea adwiridwiriw no na matɛw nea ɛda hɔ hunu no; me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.

37 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi bio na Israel fi bebisa me hɔ na mɛyɛ mama wɔn, mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ nguankuw;

38 sɛ nguankuw kronkron, sɛ Yerusalem nguankuw te n’afahyɛ ase no, saa ara na nnipa akuakuw bɛyeyɛ nkurow afoafo no amaama, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan