Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 35 - KYERƐW KRONKRON


Edom ho atemmusɛm

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Seir bepɔw na hyɛ nkɔm tia no,

3 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔw, na mɛteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ afo ne ahodwiriwde;

4 mɛma wo nkurow adeda mpan, na w’ankasa woadan afo, na woahu sɛ mene AWURADE.

5 Esiane sɛ wukuraa daa nitan, na wuyii Israel mma hyɛɛ nkrante nsa, wɔn amane bere mu, wɔn asotwe a edi akyiri no mu nti,

6 sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, mede wo mɛyɛ mogya, na mogya atiw wo; sɛ woantan mogya nti, mogya ara na ebetiw wo!

7 Na mɛyɛ Seir bepɔw ahodwiriwde ne afo, na matwa nea ɔresen ne nea ɔresan afi mu,

8 na mede atɔfo mahyɛ ne mmepɔw amaama; wo nkoko so ne w’abon mu ne wo nsubon nyinaa mu na nkrante ano atɔfo begugu.

9 Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkurow no, obi rentena mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

10 Esiane sɛ woka sɛ: Aman abien yi ne nsaase abien yi, bɛdan me de na yɛafa adi so, nanso AWURADE wɔ hɔ,

11 enti, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, me ne wo bedi no sɛ w’abufuw ne wo ninkunu a wo tan a wotan wɔn no nti wotwee no te, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn no;

12 na wubehu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔw no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yenni, no nyinaa.

13 Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.

14 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛbere a asase no nyinaa ani begye no, wo de, mɛyɛ wo afo.

15 Sɛ w’ani gyee Israel fi agyapade ho sɛ ayɛ afo nti no, saa ara na mɛyɛ wo, afo ara na Seir bepɔw ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan