Hesekiel 34 - KYERƐW KRONKRONNguanhwɛfo bɔne no animka 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn? 3 Mudi srade no, na mufura nguan no ho nwi; nea wadɔ no, mukum no; na nguankuw no de, monyɛn wɔn. 4 Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so. 5 Ɛnna wɔbɔɔ wɔn pansamee, efisɛ wonni ɔhwɛfo, na wɔdannan wuram mmoa nyinaa aduan, na wɔbɔɔ wɔn petee koraa. 6 Me nguan wɔ mmepɔw nyinaa ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obi nni hɔ a obisa, na obi nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn. 7 Enti, mo nguanhwɛfo, muntie AWURADE asɛm! 8 Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ me nguan adan afow ade, na me nguan adan wuram mmoa nyinaa aduan, sɛ wonni hwɛfo nti, na me nguanhwɛfo mmisaa me nguan akyi kwan, na mmom nguanhwɛfo no yɛn wɔn ho, na me nguan no de, wɔanhwɛ wɔn nti, 9 mo nguanhwɛfo, muntie AWURADE asɛm: 10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne nguanhwɛfo no anya, na mebisa me nguan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nguanhwɛ adwuma no yɛ, na nguanhwɛfo no anyɛn wɔn ho bio, na magye me nguan afi wɔn anom, na wɔanyɛ wɔn aduan bio. 11 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ara mebisa me nguan, na mahwehwɛ wɔn akyi kwan. 12 Sɛnea oguanhwɛfo hwehwɛ ne nguankuw akyi kwan da a ɔwɔ ne nguan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nguan akyi kwan, na meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa, omununkum ne sum kabii da no. 13 Na meyi wɔn afi aman mu, na maboa wɔn ano afi nsaase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛn wɔn, Israel mmepɔw so, nsubon mu ne asase no so tenabea nyinaa; 14 adidibea pa na mɛyɛn wɔn, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn beae; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ adidibea pa, na wɔadi aduan pa, Israel mmepɔw so. 15 Me ara na mɛyɛn me nguan, na me ara mɛma wɔabutubutuw, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. 16 Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu. 17 Na mo, me nguan, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebu oguan ne oguan, adwennini ne mpapo ntam atɛn. 18 So ɛyɛ mo adewa sɛ mudidi adidibea pa, na mo adidibea nkae no, mode mo nan tiatia so? Na monom nsu a agyen, na mode mo nan fono nkae no? 19 Na me nguan no de, wonni nea mode mo nan atiatia so na wɔnnom nea mode mo nan afono no? 20 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ wɔn ni: Hwɛ, me ara mebu nguan a wɔadɔ srade ne nguan a wɔafɔn no ntam atɛn. 21 Esiane sɛ mode mfem ne mmati sunsum na mode mo mmɛn sisi ayarefo nyinaa kosi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti, 22 megye me nguan nkwa na wɔrenyɛ afow ade bio, na mebu oguan ne oguan ntam atɛn. Nea wɔasra no ne oguanhwɛfo pa 23 Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛn wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfo; 24 na me, AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu birɛmpɔn; me, AWURADE, na maka. 25 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, na matɔre mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena sare so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwae mu. 26 Na mɛma wɔn ne nsaase a ɛdeda me koko ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osu atɔ ne bere mu; ɛbɛyɛ nhyira su; 27 na petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔndua na mayi wɔn afi wɔn a wodi wɔn nya nsam. 28 Na wɔrenyɛ amanaman afow ade bio, na asase so mmoa rensɛe wɔn bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu. 29 Na mesiesie afuw a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɔkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio; 30 na wobehu sɛ me, AWURADE, wɔn Nyankopɔn na me ne wɔn te, na wɔne me man Israel fi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. 31 Na mone me nguan, m’adidibea nguan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana