Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 33 - KYERƐW KRONKRON


Honhom fam awɛmfo no asɛde
( Hesekiel 3.16-21 )

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrante meba asase bi so, na asase no sofo no yi wɔn mu bi, na wɔde no si wɔn so wɛmfo,

3 na ohu nkrante sɛ ɛreba asase no so, na ɔhyɛn torobɛnto de bɔ ɔman no kɔkɔ,

4 na ɔtefo te torobɛnto no hyɛn na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrante no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bebua n’atifi.

5 Ɔtee torobɛntohyɛn no, na wantie kɔkɔbɔ no, ne mogya ngu no so! Na sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka wagye ne kra.

6 Na sɛ ɔwɛmfo no hu nkrante sɛ ɛreba, na wanhyɛn torobɛnto ammɔ ɔman no kɔkɔ, na nkrante no ba bekum wɔn mu bi a, ɔno de, n’amumɔyɛ mu na wɔafa no kɔ, na ne mogya de, mebisa no ɔwɛmfo no nsam.

7 Na wo, onipa ba, mede wo masi ɔwɛmfo mama Israel fi, na tie m’anom asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.

8 Sɛ meka mekyerɛ ɔbɔnefo sɛ: Ɔbɔnefo, owu na wubewu, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu, na ne mogya de, wo nsam na mebisa.

9 Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsan mfi so, na wansan amfi ne kwan so a, ɔno de, obewu n’amumɔyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.


Onyankopɔn adɔe ne ne trenee

10 Enti wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fi sɛ: Moka sɛ: Yɛn mmarato ne yɛn bɔne gu yɛn so, na ɛnonom mu na yɛredwerɛw yi, na ɛbɛyɛ dɛn na yebenya nkwa?

11 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa. Monsan, monsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi, Israel fi?

12 Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma no sɛ: Ɔtreneeni trenee renyi no ne mmarato da no, na ɔbɔnefo abɔnefosɛm nso renhwe no ase, ɛda a ɔbɛsan afi n’abɔnefosɛm mu no, na ɔtreneeni nso rentumi nnye ne ho nkwa wɔ mu, ɛda a ɔyɛ bɔne no.

13 Sɛ meka mekyerɛ ɔtreneeni sɛ: Wubenya nkwa, na ɔde ne ho to ne trenee so na ɔyɛ amumɔyɛde a, wɔrenkae ne trenee no nyinaa, na n’amumɔyɛde a wayɛ no mu ara na obewu.

14 Na meka mekyerɛ ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na ɔsan fi ne bɔne mu bɛyɛ atemmude ne atreneede,

15 na sɛ ɔbɔnefo dan awowaside kɔma, ɔhyɛ nea ɔfomee no ananmu, ɔnantew nkwa ahyɛde mu sɛ ɔrenyɛ amumɔyɛde a, onya na obenya nkwa, ɔrenwu;

16 ne bɔne a ɔyɛe no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmude ne atreneede, nkwa ara na obenya.

17 Nanso wo man mma ka sɛ: AWURADE kwan nteɛ! Na wɔn mmom na wɔn kwan nteɛ.

18 Sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho na ɔyɛ amumɔyɛde a, emu na obewu;

19 na sɛ ɔbɔnefo san fi n’abɔnefosɛm ho na ɔyɛ atemmude ne atreneede a, ɛno ara so na obenya nkwa;

20 nanso moka sɛ: AWURADE kwan nteɛ! Sɛ obiara kwan te no, saa ara na mebu mo atɛn, Israel fi.


Yerusalem asehwe ho amanneɛbɔ

21 Na yɛn tukɔ afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so anum no, oguanfo bi fi Yerusalem baa me nkyɛn sɛ: Wɔabɔ kurow no.

22 Nso na AWURADE nsa aba me so anwummere no, ansa na oguanfo no bae, na obuee m’anom kosii sɛ ɔbaa me nkyɛn anɔpa, na wobuee m’anom, na mantɔ mum bio.

23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

24 Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no so no ka sɛ: Abraham yɛ obiakofo na ɔfaa asase no dii, na yɛn de, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nni.

25 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mudidi gu mogya so, na moma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuw, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?

26 Mugyinagyina mo nkrante so, moyɛ akyide, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa?

27 Sɛ ka kyerɛ wɔn ni: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no so no, nkrante ano na wɔbɛtotɔ; na nea ɔwɔ wuram no, mmoadoma na mede no mɛma ma wɔadi; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyare na ebekunkum wɔn.

28 Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to betwa, na Israel mmepɔw adannan afo a obi bi remfa so;

29 na wɔn akyide a wɔyɛe no nyinaa nti, mɛyɛ asase no afo ne ahodwiriwde, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

30 Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm afasu ho ne adan no apon ano, na obi ne obi, obi ne ne nua, kasa sɛ: Mommra mmetie asɛm ko a efi AWURADE nkyɛn ba no ɛ!

31 Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi.

32 Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ na onim sankubɔ yiye; na wɔte wo nsɛm de, nanso wonni so.

33 Na enya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wobehu sɛ odiyifo atena wɔn mu pɛn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan