Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 32 - KYERƐW KRONKRON


Farao ho kwadwom

1 Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraim hene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataforo ho na wɔde wo toe, nso wo de, woyɛe sɛ ɛpo mu asuboa, na wuhuruw fii wo nsubɔnten no mu, na wode wo nan nuu nsu no mu fonoo wɔn nsubɔnten.

3 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mede m’asawu mɛtrɛw wo so, aman bebree asafo mu, na wɔde me boa ayi wo aforo aba,

4 na mɛtow wo akyene fam, na matow wo agu sare ani, na mama wim nnomaa nyinaa abesisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo amee.

5 Na mede wo nam mɛto mmepɔw so, na mede w’afunu mahyɛ abon ma,

6 na mama asase no anom wo nsu a efi wo mogya mu akodu mmepɔw ho, na woahyɛ nsubon no mama.

7 Na sɛ midum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede omununkum mɛkata owia ani, na ɔsram renharan.

8 Mɛma ɔsoro akanea a ɛhyerɛn abiri wo so, na mama esum aduru w’asase so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

9 Na mehuru aman bebree koma, bere a mede wo bɔ mɛba amanaman mu, nsaase a wunnim so no so;

10 na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiriw, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahene so bere a mihwinhwim m’afoa wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo bere nyinaa mu, wɔn nyinaa kra mmiako mmiako nti, w’asehwe da no.

11 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Babel hene nkrante bɛba wo so.

12 Nnɔmmarima nkrante na mede mɛma w’asafo yuu no atotɔ, amanaman mu anuɔdenfo ne wɔn nyinaa, na wɔbɛsɛe Misraim ahantan, na wɔadwerɛw n’asafo yuu nyinaa.

13 Na mɛdwerɛw n’afieboa nyinaa afi nsu akɛse no ho, na onipa nan renhaw no bio, na afieboa ntɔte rensɛe no bio.

14 Ɛno na mɛma wɔn nsu ani agyen, na mama wɔn nsubɔnten asen sɛ ngo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,

15 ɛbere a mɛma Misraim asase ayɛ afo na asase no ada ne mayɛ ho mpan no, ɛbere a mekum wɔn a wɔte so no nyinaa no, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

16 Kwadwom a wɔde besu no ni, amanaman mmabea de besu no, wɔde besu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

17 Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfo mmabea nsian nkɔ famfam asase so nka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho.

19 Hena na wosen no ahoɔfɛ? Sian na da momonotofo nkyɛn!

20 Nkrante ano atɔfo mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrante; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ.

21 Nnɔmmarima mu atumfo ne n’aboafo fi asaman ka kyerɛ no sɛ: Momonotofo a wɔde nkrante akunkum wɔn no asian deda hɔ.

22 Ɛhɔ na Asaria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano;

23 wɔabɔ ne da amoa mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damoa ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, wɔn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no.

24 Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, momonotofo a wɔasian kɔ asase ase tɔnn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora.

25 Atɔfo mu na wɔatow no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, na wɔakunkum wɔn nkrante ano; efisɛ wɔn ho hu kaa nnipa ateasefo asase so nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfo mu.

26 Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne n’asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, wɔakunkum wɔn nkrante ano, efisɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefo asase so;

27 na wɔrenneda momonotofo mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akode asian kɔ asaman na wɔde wɔn nkrante ahyehyɛ wɔn ti ase nkyɛn; na wɔn amumɔyɛde aba wɔn nnompe so, efisɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefo asase so.

28 Na wo nso wobebubu wo momonotofo mu, na wo ne nkrante ano atɔfo adeda.

29 Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahene ne n’abirɛmpɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrante ano atɔfo nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu; wɔn nso ne momonotofo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no deda hɔ.

30 Ɛhɔ na benkum fam ahemfo nyinaa wɔ, ne Sidonfo a wɔne atɔfo asian kɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yii no mu, wɔn ani awu na wɔdeda hɔ sɛ momonotofo keka nkrante ano atɔfo ho, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no soa wɔn ahohora.

31 Wɔn na Farao behu wɔn, na ne werɛ akyekye, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrante ano atɔfo ne Farao ne ne dɔm nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

32 Na mema oyii hu, ateasefo asase so, enti na wɔde no ato momonotofo mu aka nkrante ano atɔfo ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan