Hesekiel 30 - KYERƐW KRONKRONMisraim ho Kwadwom 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mommɔ abubuw! Ao, ɛda no! 3 Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, ɛbɛyɛ awerɛhow da, ɛbɛyɛ bere bɔne ama amanaman. 4 Na nkrante bɛba Misraim so, na nketenkete akita Etiopia, ɛbere a apirafo retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akɔ na wɔredwiriw ne nnyinaso no. 5 Etiopia ne Put ne Lidia ne afrafrafo dɔm nyinaa ne Kub ne apam asase no sofo ne wɔn bɛtotɔ nkrante ano. 6 Sɛ AWURADE se ni: Wɔn a wokura Misraim mu bɛtotɔ, na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase; efi Migdol kosi Siene abantenten ho bɛtotɔ nkrante ano, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, 7 na wɔbɛyɛ pasaa, nsaase a ayɛ pasaa mu, na ne nkurow afra nkurow afoafo mu, 8 na wɔahu sɛ mene AWURADE, bere a meresɔ ogya Misraim na wɔasɛe n’aboafo nyinaa no. 9 Ɛda no abɔfo befi m’anim afi adi, ahyɛn mu, akɔma Etiopia a ɛwɔ hɔ anibiannaso so no abɔ piriw, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba. 10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mede Babel hene Nebukadnesar nsa metwa Misraim asafo yuu no to. 11 Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman anuɔdenfo no, wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no, na wɔatwetwe wɔn nkrante ahyɛ Misraim, na wɔde atɔfo ahyɛ asase no ma. 12 Na mɛma nsubɔnten no ayoyow, na matɔn asase no mahyɛ abɔnefo nsa, na mede ananafo nsa mayɛ asase no pasaa; me, AWURADE, na maka. 13 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛsɛe ahoni huhuw no na matwa abosonhuhuw no to mafi Memfis, na ɔbirɛmpɔn remfi Misraim asase so mma bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so. 14 Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmude no wɔ Tebes, 15 na mahwie m’abufuhyew magu Sin, Misraim aban a ɛyɛ den no so, na matwa Tebes asafo yuu no to. 16 Na mɛto Misraim mu gya; Sin behu ayayade, na wɔde Tebes bɛma ma wɔabu afa mu, na Memfis behu ahohiahiafo awia, 17 On ne Pi-beset mmerante bɛtotɔ nkrante ano, na emutefo akɔ nnommumfa mu; 18 Tehafnehes nso, ɛda no beduru sum, sɛ merebubu Misraim kɔndua wɔ hɔ, na n’ahoɔden ahantan to betwa wɔ ne mu, na omununkum bɛkata no so, na ne mmabea akɔ nnommumfa mu. 19 Na mɛyɛ atemmude Misraim, na wɔahu sɛ mene AWURADE. 20 Na afe a ɛto so dubiako no sram a edi kan no da a ɛto so ason no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21 Onipa ba, Misraim hene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntamabamma rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi aso nkrante mu. 22 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne Misraim hene Farao anya, na merebebu n’abasa no, nea ɛyɛ den ne nea abu no, na mama nkrante no afi ne nsa atɔ fam; 23 na mɛbɔ Misraimfo apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so. 24 Na mɛhyɛ Babel hene abasa den, na mede ne nkrante mahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtɔfo pene n’anim. 25 Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa agu fam, na wɔahu sɛ mene AWURADE, sɛ mede me nkrante merehyɛ Babel hene nsa, na wateɛ Misraim asase no so, 26 na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so, na wɔahu sɛ mene AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana