Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 3 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nea wuhu no, di! Di nhoma mmobɔwee yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fi.

2 Ɛnna mibuee m’anom, na ɔma midii nhoma mmobɔwee no,

3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma. Na midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.

4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fi nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.

5 Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru nkyɛn na wɔasoma wo, na mmom Israel fi nkyɛn;

6 ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesoma wo a, anka wɔn de, wobetie wo.

7 Na Israel fi mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me; na Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim.

8 Hwɛ, mahyɛ w’ani den wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den ahyɛ wɔn moma so.

9 Mayɛ wo momaso sɛ ahemmo a ɛyɛ den sen twɛrebo; nsuro wɔn, na mma wo bo nntu wɔn anim, na wɔyɛ asowuifo fi.

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka makyerɛ wo nyinaa, fa wo koma gye, na fa w’aso tie,

11 na sim kɔ atukɔfo, wo man mma no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wotie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.

12 Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ;

13 ne ateasefo no ntaban a etwitwiw mu no nne, ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosow kɛse nne.

14 Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.

15 Na mebaa Tel-abib atukɔfo a wɔtete asu Kebar ho no nkyɛn ne nea wɔte hɔ no, na metenaa hɔ nnansɔn, na me ho dwiriw me wɔ wɔn mu.


Wosi Hesekiel ɔwɛmfo
( Hesekiel 33.1-9 )

16 Na nnansɔn twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.

18 Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no antwe ɔbɔnefo no amfi ne kwammɔne so na wanya nkwa a, ɛnne ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, nanso ne mogya de, mebisa wo nsam.

19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ, na wansan amfi ne bɔne no ne ne kwammɔne no so a, ɔno bewu n’amumɔyɛ mu, na wo de, woagye wo kra.

20 Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee mu na ɔyɛ abusude a, mede hintidua mɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, obewu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetrenee a ɔyɛe no; na ne mogya de, wo nsam na mebisa.

21 Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔtreneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na obenya, efisɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woagye wo kra.


Onyankopɔn anuonyam adiyi foforo

22 Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre fi adi kɔ obon no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ.

23 Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.

24 Na honhom no bɛhyɛn me mu ma migyinaa m’anan so na ɔne me kasae ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fi.

25 Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhama begu wo so de akyere wo, na woremfi wɔn mu mfi adi.

26 Na wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi.

27 Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mebue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se. Ma ɔtefo nte, na ogyaefo nnyae; na wɔyɛ asowui fi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan