Hesekiel 29 - KYERƐW KRONKRONMisraim sɛe 1 Afe a ɛto so du no, ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Misraim hene Farao, na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa; 3 kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Misraim hene Farao, asuboa kɛse a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’asubɔnten wɔ me, me ara na meyɛ mefae. 4 Na mede akɔtɔkoro mewura w’afono mu, na mama w’asubɔnten mu mpataa afomfam w’abona ho, na matwe wo afi w’asubɔnten mu aba, ne w’asubɔnten mu mpataa a ɛfomfam w’abona ho no nyinaa; 5 na mɛtow wo akyene sare so, wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa; sare petee ani na wobɛtɔ, wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano; asase so mmoa ne wim nnomaa na mede wo mɛyɛ wɔn aduan. 6 Na Misraimfo nyinaa behu sɛ mene AWURADE. Esiane sɛ wɔyɛ sakran poma ma Israel fi, 7 woso wo nsa mu a, wubuka suane wɔn mmati nyinaa, na wotweri wo a, wubu ma wɔn sisi nyinaa hinhim, 8 ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede nkrante mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa, 9 na Misraim asase adan afo, na ɛso ada mpan, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Esiane sɛ woka sɛ: Asubɔnten no wɔ me, na me ara na meyɛe. 10 Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asuten horow no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwiriwde, afi Siene abantenten ho akosi Etiopia hye so tɔnn. 11 Onipa nan remfa so na aboa nan remfa so na wɔrentena so mfirihyia aduanan. 12 Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsaase a ayɛ pasaa mu, na ne nkurow ada mpan, nkurow afoafo mu, mfirihyia aduanan, na mɛbɔ Misraim mapete amanaman mu, na mapansam wɔn magu nsaase so. 13 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mfirihyia aduanan awiei no mɛboa Misraim ano afi aman a mabɔ wɔn mapete hɔ no mu, 14 na mede Misraim nnommum no masan maba, na mede wɔn maba Patros asase so bio, wɔn asase a wofi so no so, na wɔayɛ ahenni a abrɛ ase wɔ hɔ. 15 Ɛbɛyɛ ahenni mu nea abrɛ ase, na ɛremma ne ho so bio, amanaman so; na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio. 16 Na ɛrenyɛ Israel fi anidaso bio, na sɛ wɔdan wɔn ani di wɔn akyi a, ɛbɛma makae wɔn amumɔyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. 17 Na afe a ɛto so aduonu ason no, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18 Onipa ba, Babel hene Nebukadnesar maa ne dɔm som Tiro ɔsom kɛse, atifi nyinaa popae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee, nanso akatua bi amfi Tiro anka ɔno ne ne dɔm nsa, ɔsom a ɔsom ho no so. 19 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babel hene Nebukadnesar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asade, na wafow n’afowde, na ayɛ ne dɔm no akatua; 20 n’apaade a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase mɛma no, efisɛ wɔyɛ maa me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. 21 Ɛda no na mɛma abɛn bi afifi ama Israel fi, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔn mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana