Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 28 - KYERƐW KRONKRON


Atemmusɛm a etia Tiro hene

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ka kyerɛ ɔheneba a ɔwɔ Tiro no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo koma ma ne ho so, na wuse: Meyɛ onyame, anyamegua so na mete, ɛpo mfinimfini, nanso woyɛ onipa na wonyɛ onyame, na woyɛ wo koma sɛ onyame koma nti,

3 hwɛ, woyɛ onyansafo sen Daniel, ahintasɛm biara ankyɛn wo,

4 wo nyansa ne wo nhumu so na woanya ade afa, na woanya sika ne dwetɛ agu w’akorade mu,

5 wo nyansa dodow ne w’aguadi na wode ama w’ade adɔɔso, na w’ade no nti wo koma ahoman,

6 enti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woayɛ wo koma sɛ onyame koma nti,

7 hwɛ, mede ananafo mereba wo so, amanaman mu anuɔdenfo, na wɔabɛtwetwe wɔn nkrante ahyɛ wo nyansa ahoɔfɛ no, na wɔahura wo hyerɛn ho.

8 Amoa mu na wɔde wo besian akɔ, na woawu atɔfo wu, ɛpo mfinimfini.

9 So wobɛkɔ so aka sɛ: Meyɛ onyame, wɔ nea okum wo no anim? Nso wo de, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, nea ohwirew wo mu no nsam.

10 Momonotofo wu na wubewu ananafo nsam, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

11 Na afei AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

12 Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wo de, wone abɔde afɛfɛ mu nea oye, nyansa ahyɛ wo ma, w’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.

13 Onyankopɔn turo Eden mu na wote, aboɔden abo nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanambo, akaratebo ne bɔwerɛbo, sikaberebo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo, hoabo, nsramabo ne ahabammono bo ne sika; wo mpintin ne wo bɔmmaa ɔsom wɔ w’anim, ɛda a wɔbɔɔ wo no na wosiesiei.

14 Woyɛ kerub a wɔasra no a ɔkata so, na mede wo misii hɔ; Onyankopɔn bepɔw kronkron so na wowɔ, ogya abo ntam na wonennamee.

15 Wudii mu w’akwan mu, fi da a wɔbɔɔ wo ara de kosii da a wohuu wo mu abusude no.

16 W’aguadi dodow nti na wɔde amimdi hyɛɛ wo ma, na woyɛɛ bɔne, na mahura wo ho atu wo afi Onyankopɔn bepɔw no so, na masɛe wo, kerub a wokata so, afi ogya abo no ntam.

17 W’ahoɔfɛ nti wo koma ahoman, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, matow wo makyene fam, mede wo mato ahene anim sɛ wɔnhwɛ wo.

18 W’amumɔyɛ dodow so, w’aguadi abusude mu woahura w’akronkronne ho, enti mama ogya afi wo mu, na ahyew wo, na madan wo nso, asase so, wɔ wɔn a wɔhwɛ wo nyinaa anim.

19 Wɔn a wonim wo, aman mu nyinaa, wo ho bɛyɛ wɔn ahodwiriw; na woapatuw asɛe, na wunni hɔ bio de kosi daa.


Sidon ho atemmusɛm

20 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21 Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm,

22 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Sidon, na menya wo mu anuonyam, na sɛ meyɛ no mu atemmude na miyi me kronkronyɛ adi no mu a, wɔahu sɛ mene AWURADE.

23 Na merema owuyare aba mu na mogya agu ne mmorɔn so, na apirafo atotɔ no mu, nkrante a efi mmaa nyinaa bɛba no so no ano, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

24 Na nsɔe a ɛwɔ onipa ne ohwirom a ɛyɛ yaw renka hɔ mma Israel fi bio, mfi wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wobu wɔn animtiaa no nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Israel ahodwoe

25 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ minya meboa Israel fi ano fi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, meyi me kronkronyɛ adi wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede memaa m’akoa Yakob no so.

26 Na wɔbɛtena so dwoodwoo asi adan ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, efisɛ mɛyɛ atemmude, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtiaa no nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan