Hesekiel 27 - KYERƐW KRONKRONTiro ho kwadwom 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Na wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom, 3 na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo abobow ano, aman batani a wokɔ nsupɔw bebree so, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Tiro, wo de, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ! 4 W’ahye wɔ po mfinimfini, w’abantofo awie wo fɛ yɛ, 5 Senir apopaw na wɔde pempam w’ahyɛn afasu, Lebanon nkyeneduru na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua; 6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabon, wɔyɛe wɔ asonse mangoo a ɛhyehyɛ kwabɔhɔrɔ nnua a efi Kitim nsupɔw mu no mu. 7 Nwera a wɔakyere mu a efi Misraim yɛ wo mframatam a ɛyɛɛ wo ɔfrankaa; bibitam ne ntama a ɛberedum a efi Elisa nsupɔw mu yɛ wo nkataso; 8 Sidonfo ne Arwadfo yɛɛ w’aharefo; w’anyansafo wɔ wo Tiro no ara mu, wɔne w’ahyɛn akwankyerɛfo; 9 Gebal mpanyin ne emu anyansafo nso wɔ wo mu repempam w’agowagow; ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufo wɔ wo mu di w’aguade ho nsesagua 10 Persia ne Lidia ne Put wɔ wo dɔm mu yɛ w’akofo, wɔde kyɛm ne dade kyɛw sensɛn wo mu, wɔn na wɔmaa w’anim baa onyam. 11 Arwadfo ne wo dɔm wɔ w’afasu so hyia, na Gamadfo wɔ w’aban atenten mu, wɔde wɔn akyɛm sensɛn w’afasu ho hyia, wɔn na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee yiyeyɛ. 12 Tarsis ne wo guadifo, w’ade nyinaa dodow nti; dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ ade; 13 Tawan, Tubal ne Mesek ne wo di gua, nnipa akra ne kɔbere ade na wɔde gye w’aguade; 14 Togarma fi na wofi de apɔnkɔ ne apɔnkɔfo ne mfurumpɔnkɔ ba de bɛsesa wo hɔ ade; 15 Dedanfo ne wo di gua; nsupɔw bebree so na wo nsa ano aguade kɔ; asonse amuamu ne duabo nnua na wɔde betua wo ka; 16 Siria ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow nti; nsramma bo, ntama a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne nnɛnkyerema na wɔde bɛsesa wo hɔ ade; 17 Yuda ne Israel asase ne wo di gua; Minit awi ne paanoo ne ɛwo ne ngo ne aneneduhuam na wɔde gye w’aguade; 18 Damasko ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow so, ahode nyinaa dodow nti; wɔde Helbon bobesa ne nguan nwi fitaa ba; 19 Wedan ne Yawan fi Usal ba ne wo bedi nsesagua; dade a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa ade; 20 Dedan de apɔnkɔtam a wɔtena so ne wo di gua; 21 Arabia ne Kedar abirempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano aguadifo: Nguammaa ne adwennini ne mpapo gua na wɔne wo di; 22 Seba ne Rama abatafo ne wo di gua, wɔde nnuhuam nyinaa mu titiriw ne aboɔden abo nyinaa ne sika ne wo bedi nsesagua; 23 Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafo, Asur, Kilmad ne wo di gua; 24 wɔn na wɔyɛ w’abatafo, ntama afɛfɛ mu, bibitam ne nkyeremu nguguso mu, ne asaawa a wɔafura ademude, nhama a wɔafura na wɔakyim mu, wɔde gye w’aguade. 25 Tarsis ahyɛn no ne w’akwantufo di w’aguadi mu akɔneaba, na woayɛ ma, na w’anim aba nyam, sɛ ɛpo horow no mfinimfini. 26 Akwamfo no de wo kɔ nsu bebree mu, apuei mframa bobɔ wo ɛpo horow no mfinimfini. 27 W’ade dodow ne w’adetɔnne, wo nsesa aguade, w’ahyɛn mufo ne w’ahyɛn akwankyerɛfo, wo mu agowagow pempamfo ne w’aguade sesa ne wo mu akofofo nyinaa ne w’asafo a wɔwɔ wo mu nyinaa, wɔbɛtotɔ bosonopo yam, w’asehwe da no. 28 W’ahyɛn kwankyerɛfo nteɛm nne ma mpoano asase wosowosow, 29 na wɔn a wokurakura atabon nyinaa, ahyɛn mufo, po ani kwankyerɛfo nyinaa fifi wɔn ahyɛn mu siansian begyinagyina fam, 30 na wo so na wɔmoma wɔn nne so, na wɔteɛm yawyaw de dɔte gugu wɔn atifi yantayantam nso mu, 31 na wɔbobɔ tikwaw ma wo furafura ayitam na wɔde ɔkra awerɛhow ne abubuwbɔ yawyaw su ma wo, 32 na wobetwa wo ho kwadwom, wɔn adwotwa no mu ato wo ho dwom sɛ: Hena na ɔte sɛ Tiro a wɔama asɛe ayɛ dinn, ɛpo mu yi? 33 W’aguade fi po nyinaa mu bae no, wode maa aman bebree mee, w’ahonyade ne w’aguade dodow na wode maa asase so ahene nyaa wɔn ho. 34 Afei a wɔabobɔ wo afi ɛpo ani de wo ahyɛ nsudonkudonku mu yi, w’aguade ne w’asafo a ɛwo wɔ mu no nyinaa atotɔ. 35 Mpoano aman nyinaa, wo nti wɔn ho dwiriw wɔn, na awɔse gu wɔn ahene so wɔn anim akisa. 36 Aman mu aguadifo bɔ wo so hwirema hwee hwee; woapatu asɛe, na wunni hɔ bio de rekosi daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana