Hesekiel 25 - KYERƐW KRONKRONAmonfo ateɛteɛ 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfo, na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3 Na ka kyerɛ Amonfo no sɛ: Muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ moka sɛ: Wiɛɛ! Sɛ me kronkronbea ho ahura, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda ofi ho nso, sɛ wɔkɔ tukɔ mu nti, 4 hwɛ mereyi wo mama apueifo sɛ wɔmfa wo nni, na wɔmmobɔ wɔn nsra wo mu, na wonsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wobedi w’aba, na wɔn ara anom wo nufusu; 5 na mede Raba mɛyɛ yoma adan, na Amonfo asase ayɛ nguan butubea, na moahu sɛ mene AWURADE. 6 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woabɔ wo nsam na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama wo koma atɔ wo yam Israel asase ho no nti, 7 hwɛ, mereteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ amanaman asade, na matwa wo afi aman mu, na masɛe wo afi nsaase mu, na madwerɛw wo, na woahu sɛ mene AWURADE. Moabfo ateɛteɛ 8 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fi ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti, 9 hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afi nkurow no so, nkurow a ɛdeda n’ahye ho so, asase a eye no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim, 10 mede mama apuei mma mapae Amonfo de no so, na mama wɔafa adi wɔn so, nea ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfo bio aman mu, 11 na mɛyɛ Moab atemmude, na wɔahu sɛ mene AWURADE. Edom ateɛteɛ 12 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Edom adi Yuda fi so were na wɔadi so pa ara na wɔatɔ wɔn so were no nti, 13 sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛteɛ me nsa mahyɛ Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afi Teman, na wɔatotɔ nkrante ano akodu Dedan. 14 Na mede me man Israel nsa mewie m’aweredi Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuw ne m’anibere so, na wɔahu m’aweredi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Filistifo ateɛteɛ 15 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Filistifo atɔ no so were, na wɔde ɔkra mu ahitew atɔ wɔn ho were sɛ wɔde daa ɔtan bɛsɛe wɔn no nti, 16 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ mereteɛ me nsa mahyɛ Filistifo, na matwa Keretifo no, na masɛe nea aka mpoano no. 17 Na mede abufuhyew kɛse mɛtɔ wɔn so were, na me were a medi wɔn so no mu wɔahu sɛ mene AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana