Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 23 - KYERƐW KRONKRON


Ahenni a aka no sɛe

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, mmea baanu, ɛna biako mma, wɔ hɔ,

3 na wɔbobɔɔ aguaman Misraim, wɔn mmabaabere mu na wɔbobɔɔ aguaman no; ɛhɔ na womiaa wɔn nufu, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaabere mu mpokua.

4 Na wɔn din ne: Ɔpanyin no, Ohola, ase ne: Ne ntamadan, ne ne nua Oholiba, ase ne: Me ntamadan wɔ ne mu; na wɔyeyɛɛ me de, na wɔwoo mmabanin ne mmabea. Na wɔn din no: Samaria ne Ohola, na Yerusalem ne Oholiba.

5 Na m’akyi Ohola bɔɔ aguaman na n’ani beree n’adɔfo, Asiriafo a wɔbae bɛbɛn no no ho.

6 Wɔhyehyɛ bibitama ntade, amradofo ne mmakoma, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ nko ara, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.

7 Na ɔde n’aguamammɔ kɔɔ wɔn so, Asiriafo a wɔapaw wɔn no nyinaa, na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa, wɔn abosom nyinaa guu ne ho fi.

8 Nanso n’aguamammɔ a ɔde fi Misraim no, wannyae, efisɛ wɔne no dae ne mmabaabere mu, na wɔkekaa ne mmabaabere mu mpokua, na wohwiee wɔn aguamammɔ guu no so.

9 Ɛno nti mayi no mahyɛ n’adɔfo no nsa, Asiriafo a n’ani beree wɔn no nsa.

10 Wɔn na woyii n’adagyaw so, wɔfaa ne mmabanin ne ne mmabea, na ɔno ankasa nso, wɔde nkrante kum no, na ɔyɛɛ ɔnakwa maa mmea, na wɔyɛɛ no n’atemmude.

11 Na ne nua Oholiba hui, nanso ɔmaa n’ani beree bere bɔne sen ɔno, na ɔmaa n’aguamammɔ sen ne nua no de.

12 N’ani beree Asiriafo, amradofo ne mmakoma a wɔbae bɛbɛn no no, wɔhyehyɛ ntade a eye, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ ara nko.

13 Na mihuu sɛ wagu ne ho fi; wɔn baanu nam ɔkwan koro so.

14 Na ɔmaa n’aguamammɔ kɔɔ so; na ohuu mmarima a wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu ho, Kaldeafo mfonini a wɔde adukɔkɔɔ akurukyerɛw,

15 wɔde abɔso abobɔ wɔn asen, de abotiri atenten abobɔ wɔn ti, sɛ Babelfo a wɔn awo asase ne Kaldea no te no.

16 Ɛnna ɔde n’aniwa hwɛe no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.

17 Na Babelfo baa ne nkyɛn ne no bɛdae ɔdɔ so, na wɔde aguamammɔ guu ne ho fi; na ɔde wɔn guu ne ho fi no, ɔtetew ne kra fii wɔn ho.

18 Na oyii n’aguamammɔ adi na oyii n’adagyaw so no, ɛnna me kra tew ne ho fii ne ho, sɛnea me kra tew ne ho fii ne nua no ho no.

19 Na ɔmaa n’aguamammɔ no dɔɔso ara de kaee ne mmabaabere mu nna a ɔbɔɔ aguaman, Misraim asase so no.

20 Na n’ani beree wɔn mpenafo a wɔn barima te sɛ mfurum de, na wɔn ahoboa te sɛ apɔnkɔ de no.

21 Na wo kɔn dɔɔ wo mmabaabere mu aniwude, bere a wo mpokua nti Misraimfo miamiaa wo nufu no.

22 Ɛno nti, Oholiba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo mahyɛ wo, wɔn a wo kra atew ne ho afi wɔn ho no, na mahyia wɔn afi mmaa nyinaa aba wo so.

23 Babelfo ne Kaldeafo nyinaa, Pekodfo, Soafo ne Koafo ne Asiriafo a wɔka wɔn ho nyinaa, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ, amradofo ne mmakoma nyinaa, nnɔnkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefo ara nko,

24 na wɔde akode ne nteaseɛnam ne nkyimii ne aman asafo bɛba wo so; ahokatade ne ɔkyɛm ne dade kyɛw na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmu mesi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmu so.

25 Na mede me ninkuntwe mɛsa wo, na wɔne wo adi no anibere so, wobetwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkae bɛtotɔ nkrante ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmabea akɔ, na wɔde ogya ahyew w’ade a ɛbɛka akyiri,

26 na wɔbɛworɔw wo ho ntade, na wɔatase wo nnwinne afɛfɛ no.

27 Na mɛma w’aniwude to atwa afi wo ho, ne w’aguamammɔ a efi Misraim asase so no, na woamma w’ani so ankyerɛ wɔn, na woankae Misraim bio.

28 Na sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se: Hwɛ, mede wo mehyɛ wɔn a wotan wɔn no nsa ne wɔn a wo kra atew ne ho afi wɔn ho no nsa,

29 na wɔne wo adi no ɔtan so, na wɔafa nea wobrɛ nyae no, na wɔagyaw wo, adagyaw mu ne kwaterekwa, na wɔayi w’aguamammɔ adagyaw so, ne w’aniwude ne w’aguamammɔde nyinaa so.

30 Wɔbɛyɛ wo eyi, w’aguamammɔ a wode dii amanaman no akyi no nti, sɛ wode wɔn abosonhuhuw agu wo ho fi.

31 Wo nuabea no kwan so na wonam, enti mede ne kuruwa mɛhyɛ wo nsa.

32 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wo nuabea kuruwa a emu dɔ na emu trɛw no na wobɛnom, dodow a ebetumi adi no bɛdan asereserede ne fɛwdi;

33 Asabow ne awerɛhow, ahodwiriw ne ahoyeraw kuruwa, wo nuabea Samaria kuruwa no bɛyɛ wo ma.

34 Na wobɛnom, na wubefifew mu, na wobɛwe ne fɛre, na wubesunsuane wo nufu mu, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

35 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene w’akyi nti, wo nso soa w’aniwude ne w’aguamammɔde no.

36 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wubebu Ohola ne Oholiba atɛn? Ɛnne kyerɛ wɔn wɔn akyide,

37 sɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsam; na wɔn abosonhuhuw na wɔde asɛe aware, na wɔn mma a wɔwo maa me no nso, wɔama wɔafa ogya mu ama wɔn ma wɔadi.

38 Bio eyi na wɔayɛ me, wɔagu me kronkronbea ho fi da no ara, na me home nna nso, wɔahura ho;

39 na wokunkum wɔn mma ma wɔn abosonhuhuw a, wɔba me kronkronbea da no ara behura ho, na hwɛ, saa na wɔayɛ me fi no mu.

40 Na mpo wɔsoma kohyiaa mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wuguaree wo ho maa wɔn de adubiri kekaa w’aniwa na wode ahyehyɛde hyehyɛɛ wo ho,

41 na wotenaa nnae a anim yɛ duru so, na ɔpon a wɔatow si w’anim, na wode m’aduhuam ne me ngo sisii so.

42 Na asafo yuu a wɔn ho atɔ wɔn gyegyeegye wɔ mu, na wɔde asabofo fi sare so bɛkaa mmarima a wofi nnipa dodow no mu no ho, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotiri afɛfɛ bobɔɔ wɔn.

43 Ɛnna mekae nea awaresɛe agurow no no ho sɛ: Afei wɔde n’aguamammɔ no ara bɛbɔ aguaman,

44 na wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛnea wɔkɔ ɔbea aguaman nkyɛn, saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmea ahohorafo no nkyɛn.

45 Na mmarima atreneefo na wɔde awaresɛefo atemmu ne mogyakagufo atemmu bebu wɔn atɛn, efisɛ wɔyɛ awaresɛefo, na mogya wɔ wɔn nsam.

46 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn mama ahoguan ne ɔfom,

47 na asafo no asiw wɔn abo, na wɔde wɔn nkrante awowɔ wɔn; wobekunkum wɔn mmabanin ne wɔn mmabea, na wɔde ogya ahyew wɔn afi.

48 Na metwa aniwudeyɛ mafi asase no so, na wɔde abɔ mmea nyinaa kɔkɔ, na wɔanyɛ sɛ mo ahohorade yi.

49 Na wɔde mo ahohorade begu mo so, na moasoa mo abosonhuhuw no bɔne, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan