Hesekiel 22 - KYERƐW KRONKRONYerusalem sodi ne asotwe 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Na wo, onipa ba, so wubebu atɛn? So wubebu mogya kurow no atɛn? Ɛnne ma onhu n’akyide nyinaa, 3 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Kurow a ehwie mogya gu wɔ no mu sɛ ne bere mmra, na ɛyɛ abosonhuhuw fa de gu ne ho fi. 4 Wo mogya a wuhwie gui no mu na wudi so, na w’abosonhuhuw a woyɛe no na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woadu wo mfe mu; ɛno nti mede wo mayɛ ahohorade mama amanaman, ne fɛwdi mama nsaase nyinaa; 5 wɔn a wɔbɛn wo ne wɔn wɔwɔ akyiri di wo ho fɛw sɛ nea ne din ho ahura na ne sakasakayɛ dɔɔso. 6 Hwɛ, Israel abirempɔn no wɔ wo mu, wɔn mu biara sɛnea ne tumi te, sɛ wobehwie mogya agu, 7 wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna so mpekua, wo mu na wodi ahɔho amim, wɔhom wo mu ayisaa ne okunafo so. 8 Wubu m’akronkronne animtiaa, na wuhura me home nna ho. 9 Nkontompo wɔ wo mu, sɛ wobehwie mogya agu, na mmepɔw so na wodidi wo mu, na ahohorade na wɔyɛ, wo mfinimfini. 10 Wo mu woyi agya adagyaw so; wo mu na wɔkɔ nea asabu ama ne ho akum no ho; 11 na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyide, na obi gu ne sew ho fi aniwude mu, wo mu na obi to ne nuabea, n’agya ɔba, mmonnaa. 12 Wo mu na wogyigye anadwode, sɛ wobehwie mogya agu; wugyigye mfɛntom ne nsiho, na wode apempensi fa wo yɔnko so, na me de, wo werɛ afi me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. 13 Na hwɛ, mebɔ me nsam, wo pɛpɛe a woyɛ ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho. 14 So wo koma betumi adi anaasɛ wo nsam bɛyɛ den nna a me ne wo bedi no? Me, AWURADE, na maka na mɛyɛ. 15 Na mɛbɔ wo mapete amanaman mu, na mapansam wo, nsaase so, na meyi wo fi no koraa mafi wo mu; 16 na wo ho behura amanaman anim, na woahu sɛ mene AWURADE. 17 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18 Onipa ba, Israel fi ayɛ me dwetɛ fi; wɔn nyinaa yɛ fononoo mu kɔbere ne sanyaa ne dade ne sumpii; wɔayɛ dwetɛ bin. 19 Ɛno nti sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ mo nyinaa adannan dwetɛ fi nti, hwɛ, mereboa mo ano mahyia Yerusalem. 20 Sɛnea wɔboa dwetɛ ne kɔbere ne dade ne sumpii ne sanyaa ano fononoo mu, fita ɛho gya mu ma ɛnan no, saa ara na mɛboa mo ano, m’abufuw ne m’anibere mu, na mede mo mahyɛ mu manan mo, 21 na mapata mo mabom na masɔ mo ho gya m’anibere mu, na moanan wɔ mu. 22 Sɛ dwetɛ nan fononoo mu no, saa ara na mobɛnan mu, na moahu sɛ mene AWURADE a mahwie m’abufuhyew magu mo so no. 23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 24 Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ: Woyɛ asase a wɔntew so na wɔmma osu ntɔ so, abohuru da mu. 25 N’adiyifo atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tetew ne hanam, wokunkum nnipa, wɔfa ahonyade ne aboɔdenne, wɔma emu akunafo dɔɔso wɔ so. 26 N’asɔfo bu me mmara so, na wohura m’akronkronne ho; wɔmma ɛnsono akronkronne ne ade a abu so, na wɔnkyerɛ ade a ɛho ntew ne nea ɛho tew no ntam nsonoe, na wobu wɔn ani gu me home nna so, na wohura me ho wɔn mu. 27 Ne mmapɔmma a wɔwɔ so no te sɛ mpataku a wɔtetew hanam, sɛ wobehwie mogya agu na wɔakunkum nnipa, nea ɛbɛyɛ na wɔanya mfaso bɔne adi. 28 Na n’adiyifo sra so hyirew ma wɔn, wɔrehwɛ ade huhuw na wɔhyɛ wɔn nkɔntoro; wɔka sɛ: Sɛɛ na AWURADE se, nanso AWURADE nkasae ɛ. 29 Asase no so nkurɔfo di amim, na wɔyɛ awifo, na wɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, na wosisi ɔhɔho gye n’ade, na eyi nteɛ koraa. 30 Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a obegye ban anaasɛ obegyina tokuru no mu, m’anim, ama asase no na mansɛe no, nanso manhu obi. 31 Enti mehwie m’abufuhyew magu wɔn so, na madwerɛw wɔn, m’anibere gya no mu, na mede wɔn abrabɔ mabua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana