Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 21 - KYERƐW KRONKRON


Aweretɔ afoa no

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ma w’asɛm nsosɔ ngu kronkronbea hɔ na hyɛ nkɔm tia Israel asase no,

3 na ka kyerɛ Israel asase no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛtwe me nkrante afi ne boha mu, na matwitwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo.

4 Esiane sɛ metwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo nti, me nkrante befi ne boha mu ahyɛ honam nyinaa afi nifa fam akosi benkum fam,

5 na ɔhonam nyinaa ahu sɛ me, AWURADE, matwe me nkrante afi ne boha mu, ɛrensan nkɔ mu bio.

6 Na wo, onipa ba, fa awerɛhow si apini, na gu wɔn ani so ahome yawyaw.

7 Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn so na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm nti, efisɛ ɛreba, na koma nyinaa bɛnan, na nsa nyinaa mu agugow, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adannan nsu; hwɛ, ɛreba na abɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

8 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9 Onipa ba, hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ka sɛ: Nkrante, nkrante a wɔasew ano na wɔapɔw ho nso,

10 wɔasew ano sɛ enkum, wɔapɔw ho sɛ entwa nyinamnyinam. Anaasɛ yɛmma yɛn ho nsɛpɛw yɛn nka se: Me ba woabu abaa ne nteɛso nyinaa animtiaa?

11 Na ɔde nkrante no mae sɛ wɔmpɔw ho sɛ wɔde nsa rekura, wɔasew nkrante no na wɔapɔw ho nso, sɛ wɔde rehyɛ okumfo nsa.

12 Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me nkurɔfo so, ɛno bɛba Israel abirempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrante, enti bɔ w’asrɛ ho ame.

13 Na wɔasɔ ahwɛ; na sɛ abaa a ebu animtiaa no po nyɛ hwee a, dɛn na ɛbɛyɛ? AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

14 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ nsam, na nkrante no bɛba abɔ ho abiɛsa, atɔfo nkrante no; ɛyɛ ɔtɔfo kɛse nkrante na atwa wɔn ho ahyia no.

15 Nea ɛbɛyɛ na koma atutu na hintidua adɔɔso nti, mede nkrante hyerɛn masisi wɔn kurow apon nyinaa ho a! Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam, wɔayeram ano de rebekum.

16 Dan wo ho koraa kɔ anafo, dan w’ano kɔ atifi, baabiara a wɔahyɛ sɛ w’ani nkyerɛ.

17 Na me nso mɛbɔ me nsam, na mama m’anibere ano adwo, me, AWURADE, na maka.

18 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

19 Na wo, onipa ba, sensan akwan abien fa, na Babel hene nkrante mfa so mmra. Ma n’abien nyinaa mfi asase koro so, na kurukyerɛw akyerɛkyerɛkwan bi, nkurow nkwanta na kurukyerɛw no.

20 Siesie ɔkwan a nkrante mfa so mmra Amonfo kurow Raba, ne Yuda, Yerusalem kurow a ɛyɛ den no mu.

21 Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.

22 Nkɔmhyɛ a ɛba ne anafo mu ne Yerusalem, sɛ wonsisi adwennini a eburuw ɔfasu, mmue ano okum mu, mma ɛnne so osebɔ mu, sɛ wonsisi adwennini a wɔde beburuw aponkɛse, ngu mpempe, nsisi ntua aban.

23 Na ɛbɛyɛ wɔn sɛ nkɔntoro wɔn ani so; wɔaka ntankɛse; nanso ɔno de, ɔkae wɔn amumɔyɛ, sɛ wɔnkyere wɔn.

24 Ɛno nti sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ moma wɔkae mo amumɔyɛ ma mo mmarato da adi na wohu mo bɔne, mo nneyɛe nyinaa mu nti, na esiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo.

25 Na wo, ɔbɔnefo a woatɔ, Israel birɛmpɔn a ne da adu, awiei amumɔyɛ bere mu no,

26 sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Yi abotiten no na hɔn ahemmotiri no; nneɛma rentena sɛnea ɛte no ara nea abrɛ ase no, wɔbɛma so, na nea ama so no bɛbrɛ ase;

27 Ɔsɛe, ɔsɛe ɔsɛe na mɛdan no; sɛ ebi mmae da na eyi nso rentena hɔ daa, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.


Afoa no ka Amonfo

28 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se, Amonfo ne wɔn ahohorabɔ no ho ni, na ka sɛ: Nkrante, nkrante a wɔatwe de rebekum, wɔapɔw ho sɛ enni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam.

29 Ɛbere a wohu ade huhuw ma wo na wɔrehyɛ wo nkɔntoro no, wɔde wo bɛto abɔnefo atɔfo a wɔn da adu, awiei amumɔyɛ bere mu no kɔn ho.

30 Fa wo nkrante san hyɛ ne boha mu, faako a wɔbɔɔ wo no, w’awo asase so na mebu wo atɛn,

31 na mehwie m’abufuhyew magu wo so, mefita m’anibere gya no mu mahyɛ wo, na meyi wo mahyɛ mmarima atirimmɔdenfo a wonim ɔsɛe ho nyansa no nsa.

32 Wobɛdan ogya aduan; wo mogya begu asase no mfinimfini; wɔrenkae wo bio, na me, AWURADE na maka.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan