Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 20 - KYERƐW KRONKRON


Israel asoɔden

1 Na ɛbae sɛ afe a ɛto so asɔn, ɔsram a ɛto so anum no da a ɛto so du no, Israel mpanyimfo no mu bi bae bebisaa AWURADE hɔ ade, na wɔbɛtenaa m’anim.

2 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

3 Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So me hɔ adebisa na mobae yi? Sɛ mete ase yi, ampa ara meremma wommisa me ade mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

4 So wubebu wɔn atɛn? So wubebu atɛn, onipa ba? Wɔn agyanom akyide na ma wonhu.

5 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so mekyerɛɛ Yakob fi asefo, na mema wohuu me Misraim asase so, na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn mekae sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn no,

6 ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,

7 na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montotow mo aniwa mu akyide no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuw nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8 Na wɔtew me so atua, na wɔampene sɛ wotie me; wɔn mu obi bi antow wɔn aniwa mu akyide ankyene, na wɔannyaw Misraim abosonhuhuw. Ɛnna mise: Mehwie m’anibere magu wɔn so mede mawie m’abufuw no wɔ wɔn so, Misraim asase so;

9 nanso me din nti meyɛe na ɛho anhura amanaman a wɔte wɔn mu no anim, efisɛ mema wohuu me, wɔn anim, sɛ merebeyi wɔn mafi Misraim asase so.

10 Ɛnna miyii wɔn fii Misraim asase so na mede wɔn mebaa sare so,

11 na mede m’ahyɛde memaa wɔn, na mema wohuu m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, onya mu nkwa no;

12 nanso mede me home nna memaa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam sɛnkyerɛnne, na wonhu sɛ mene AWURADE a metew wɔn ho no.

13 Na Israel fi tew m’anim atua sare so; wɔanni m’ahyɛde so na wɔpoo m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, obenya mu nkwa no, na me home nna nso, wohuraa ho bebree. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, sare so na madwerɛw wɔn;

14 nanso me din nti meyɛe na ɛho anhura, amanaman a miyii wɔn, wɔn anim no anim.

15 Nanso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare so sɛ meremfa wɔn menkɔ asase a memae a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,

16 esiane sɛ wɔpoo m’atemmude na wɔannantew m’ahyɛde mu, na wohuraa me home nna ho ntia; na wɔn abosonhuhuw no akyi na wɔn koma di.

17 Nanso m’aniwa kyɛe wɔn so, na mansɛe wɔn na manyɛ wɔn pasaa, sare no so.

18 Na meka mekyerɛɛ wɔn mma, sare no so sɛ: Monnnantew mo agyanom ahyɛde no mu, na munnni wɔn atemmude no so, na mommfa wɔn abosonhuhuw nngu mo ho fi.

19 Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛde mu na monnantew, na m’atemmude na munni so na monyɛ,

20 na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, na munhu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

21 Na mma no nso tew me so atua, wɔannantew m’ahyɛde no mu, na wɔanni m’atemmude so anyɛ, nea onipa yɛ a, obenya mu nkwa no; me home nna nso, wohuraa ho. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, na mawie m’abufuw wɔn mu sare no so;

22 nanso misiankaa me nsa, na me din nti meyɛe na ɛho anhura amanaman a miyii wɔn, wɔn anim, no anim.

23 Nso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare no so, sɛ mɛbɔ wɔn mapete amanaman mu, na mapansam wɔn magu nsaase so,

24 esiane sɛ wɔanyɛ m’atemmude na wɔapo m’ahyɛde na wɔahura me home nna ho, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuw akyi nti.

25 Na me nso memaa wɔn ahyɛde a enye ne atemmude a wonnya mu nkwa ho kwan,

26 na miguu wɔn ho fi, wɔn ayɛyɛde mu ne ɔma a wɔde nea ebue awotwaa ano nyinaa mae no mu, na masɛe wɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ mene AWURADE.

27 Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israel fi na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi mu nso mo agyanom aka abususɛm atia me na wɔafom me wɔ mu nso,

28 efisɛ mede wɔn mebaa asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma wɔn no so no, sɛ wohu koko a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara a, na wɔrebɔ wɔn afɔre wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛde a ehuru me bo no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hua huamhuam ma wɔ hɔ, na wohwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.

29 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn ne sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ no? Na wɔfrɛ hɔ din sɛ sorɔnsorɔmmea de besi nnɛ da yi.


Atemmu ne bɔhyɛ

30 Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So mo agyanom kwan so na mugu mo ho fi, na wɔn atantanne akyi na mobɔ aguaman di,

31 na mode mo ayɛyɛde ba na moma mo mma fa ogya mu yi, mugu mo ho fi mo abosonhuhuw nyinaa fam de besi nnɛ da yi, na me na wommisa me hɔ ade mma mo? Israel fi! Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, meremma wommisa me hɔ ade mma mo.

32 Na nea ɛba mo adwene mu no, ɛrenyɛ oo! Nea moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsaase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔbo no.

33 Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu ateɛ ne anibere a wɔahwie agu na medi mo so hene.

34 Na meyi mo mafi aman mu, na maboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo apete hɔ no so, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu ateɛ ne anibere a wɔahwie agu so,

35 na mede mo maba aman no sare so na mabebu mo atɛn wɔ hɔ, anim ne anim.

36 Sɛnea mibuu mo agyanom atɛn, sare so Misraim asase so no, saa ara na mebu mo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

37 Na mɛma moafa abaa no ase, na mede mo maba apam no nkyehama mu.

38 Na meyiyi mo mu atuatewfo ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn hɔhobea asase no so na meyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE.

39 Na mo, Israel fi, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuw ɛ, na akyiri no, ampa ara, mubetie me, na moremfa mo ayɛyɛde ne mo abosonhuhuw no nhura me din kronkron no ho bio.

40 Na me bepɔw kronkron, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ɛhɔ na Israel fi nyinaa, wɔn dodow a ɛwɔ asase no so nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mebisa mo soma ade ne mo ayɛyɛde mu adikanne, mo akronkronne nyinaa mu.

41 Mobɛsɔ m’ani sɛ hua huamhuam, ɛbere a meyi mo afi aman no mu, na maboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo apete so no so no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.

42 Na mubehu sɛ mene AWURADE, bere a mede mo mɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no, so no,

43 na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛe a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwini, mo ani so, mo bɔne a moyɛe no nyinaa nti.

44 Na mubehu sɛ mene AWURADE, sɛ esiane me din nti na me ne mo bedi, ɛnyɛ mo akwammɔne no so ne mo nneyɛe a asɛe no so, Israel fi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

45 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

46 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ nifa fam, na ma w’asɛm nsosɔ ngu nifa fam, na ka adiyisɛm kyerɛ nifa fam petee mu kwae,

47 na ka kyerɛ nifa fam kwae no sɛ: Tie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahyew wo mu dumono nyinaa ne duwui nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛw framframfram no rennum, na ahyew asase ani nyinaa afi anafo fam akosi atifi fam.

48 Na ɔhonam nyinaa behu sɛ me AWURADE na mesɔe, ɛrennum.

49 Ɛnna mekae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn de, wɔka wɔ me ho sɛ: So ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubu yi?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan