Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 19 - KYERƐW KRONKRON


Israel abirempɔn ho kwadwom

1 Na wo de, twa Israel abirempɔn ho kwadwom

2 na ka sɛ: Ɛdɛn na wo na, gyatabere no butuw agyatanini ntam yɛn ne mma gyataforo mu?

3 Na ɔyɛn ne mma mu biako; ɔyɛɛ gyataforo na osuaa ahayɔ; odii nnipa nam.

4 Na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn amoa mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so.

5 Na ne na huu sɛ watwɛn nanso n’anidaso ayera no, ɔfaa ne mma mu bi de no yɛɛ gyataforo;

6 na ɔnenam agyata mu no, ɔyɛɛ gyataforo, na osuaa ahayɔ; odii nnipa nam.

7 Na ohuu wɔn akunafo, na ɔbobɔɔ wɔn nkurow, na ne mmobom gyegyeegye nti asase no ne ne mayɛ sɛee.

8 Ɛnna amanaman a wofi nsaase so no bae betwaa ne ho hyiae, na wɔde wɔn asawu trɛw no so, wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu,

9 na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ kyerɛnkyɛ mu, na wɔde no kɔmaa Babel hene, na wɔde no siee abankɛse mu, nea ɛbɛyɛ na wɔante ne nne bio, Israel mmepɔw so.

10 Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛw no nsuso, nsu pii nti, n’aba ne n’abaa bae yiye.

11 Na onyaa nhama a ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahene mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn koduu amununkum kusuu ntam, na wohu no ne korɔn mu, n’abaa dodow mu.

12 Na wotuu no anibere so tow no hwee fam, na apuei mframa kisaa n’aba no; ne nhama a ɛyɛ den no bubui na etwintwamee, na ogya hyewee.

13 Na afei wɔatɛw no sare so, asase kesee a edi sukɔm so;

14 na ogya refi n’abaa hama bi mu ahyew n’aba, na hama a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahenni poma bi nni hɔ bio. Kwadwom ni, na ɛbɛyɛ adwuma sɛ kwadwom.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan