Hesekiel 18 - KYERƐW KRONKRONƐsɛ obiara sɛ ɔsoa n’ankasa asodi 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Mudwen dɛn na mubu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom adi bobe bun, na mma se afemfem, no? 3 Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio. 4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba kra wɔ me ara ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu. 5 Na sɛ onipa yɛ ɔtreneeni, na ɔyɛ atemmude ne atreneede, 6 na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw no, na onhura ne yɔnko yere ho na ɔnkɔ ɔbea a wabu nsa ho, 7 na ɔnhyɛ obi so, na ɔde ɔkafoni awowaside san ma no, na ɔnyɛ ɔpempensifo, ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama, 8 na ɔnhyɛ hurufɛm na onnye nsiho, na ɔtwe ne nsa fi abusude ho, na obu onipa ne onipa ntam nokwatɛn, 9 na ɔnam m’ahyɛde mu, na odi m’atemmude so di nokwasɛm a, ɔno na ɔtreneeni ne no; nkwa na obenya, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. 10 Na sɛ ɔwɔ ɔba busufo a ɔka mogya gu, na ɔyɛ eyinom mu biako pɛ, 11 na ɔno ankasa de, wanyɛ eyinom mu biara, na sɛ nso odi afɔreduan wɔ mmepɔw no so, na ɔkɔ ne yɔnko yere ho, 12 na ɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempenside nso ɔnnan mma, na ɔma n’ani so hwɛ ahoni huhuw yɛ akyiwade, 13 na ɔhyɛ hurufɛm, na ogye nsiho a, so obenya nkwa? Ɔrennya nkwa! Wayɛ akyide yi nyinaa, owu na obewu, ne mogya bebua n’atifi. 14 Na hwɛ, ɔwo ɔba, na ɔno de, ohu n’agya bɔne a ɔyɛ nyinaa, na osuro, na ɔnyɛ saa bi, 15 na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw, na ɔnkɔ ne yɔnko yere ho, 16 na ɔnhyɛ obi so, na onnye awowaside nsie na ɔnyɛ ɔpempensifo, na ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama, 17 na osianka ne nsa fi ɔbrɛfo ho, na onnye mfɛntom ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmude nam m’ahyɛde mu a, ɔno de, ɔrenwu n’agya amumɔyɛ mu; nkwa na obenya. 18 N’agya no, sɛ wadi amim, asisi ne nua na wayɛ nea enye, ne man mu nti, hwɛ, obewu n’amumɔyɛ mu. 19 Na moka sɛ: Ɛdɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumɔyɛ bi? Na sɛ ɔba no ayi atemmude ne atreneede adi m’ahyɛde nyinaa so ayɛ a, nkwa na obenya. 20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu; ɔba rensoa n’agya amumɔyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumɔyɛ bi; ɔtreneeni trenee bɛtena no so, na ɔbɔnefo abɔnefosɛm bɛtena no so. Onyankopɔn ani sɔ ahonu 21 Na ɔbɔnefo nso, sɛ ɔsan fi ne bɔne a wayɛ nyinaa mu, na odi m’ahyɛde nyinaa so yɛ atemmude ne atreneede a, nkwa na obenya, ɔrenwu. 22 Ne mmarato ade a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne trenee a wayɛ no mu na obenya nkwa. 23 So ɔpɛ na mepɛ ɔbɔnefo wu? AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; so ɛnyɛ sɛ ɔsan fi ne kwan so na onya nkwa na mepɛ? 24 Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude ne akyide a ɔbɔnefo yɛ nyinaa a, so obenya nkwa anaa? Ne trenee a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu, emu na obewu. 25 Nanso moka sɛ: Awurade kwan nteɛ. Muntie ɛ, Israel fi: So me kwan nteɛ? So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ? 26 Sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude na owu wɔ mu a, n’abusude a ɔyɛe no mu na owui. 27 Nso sɛ ɔbɔnefo san fi n’abɔnefosɛm a wadi no ho bɛyɛ atemmude ne atreneede a, ɔno de, wagye ne kra nkwa. 28 Na wahu, na wasan afi ne mmaratosɛm a odii no nyinaa ho, nkwa na obenya, ɔrenwu. 29 Nanso Israel fi ka sɛ: Awurade kwan nteɛ. So me kwan nteɛ, Israel fi? So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ? 30 Ɛno nti, Israel fi, mebu mo mo akwan so atɛn mmiako mmiako, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Monsan na monnan mo ho mfi mo mmaratode nyinaa mu, na mmusu anyɛ hintidua amma mo. 31 Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi? 32 Na minnya nea ɔrewu no wu ho anigye, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; enti monsan, na mummenya nkwa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana