Hesekiel 17 - KYERƐW KRONKRONSedekia asotwe 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, to Israel fi aborɔme ka mfatohosɛm kyerɛ wɔn sɛ: 3 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔkɔre kɛse bi, ne ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenten-atenten, ntakra nworannworan ayɛ ne ho ma, ɔbaa Lebanon bebuu kyeneduru nkoa; 4 ne nkɔnmu mu baa na ɔpanee, na ɔde kɔɔ aguadi asase bi so, na ɔkɔtɛwee aguadifo kurow bi mu. 5 Na ɔfaa asase no so aba bi de koduaa afuw pa bi mu, ɔde sii nsu bebree ano, ɔtɛw no sɛ asukɔn so dua. 6 Na efifii yɛɛ obobe a ɛdannan a ehuhua fam ma n’abaa teɛteɛ baa ne ho na ne ntini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ obobe na eyiyii abaa na ɛfefɛw ahaban. 7 Nso ɔkɔre kɛse bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree; na hwɛ, saa bobe no fi n’akofi a wɔtɛwee wɔ mu no mu tentenee ne ntini kɔɔ ne fam, na oyiyii n’abaa kɔɔ no so, sɛ ɔmma no nsu. Efi beae a wɔtɛwee no 8 Wotutu kɔtɛwee wɔ beae foforo wɔ afuw pa so ne nsu bebree ho sɛ enyiyi abaa na ɛnsow aba na ɛnyɛ bobe fɛfɛ. 9 Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛbɛyɛ yiye? So ɔrentutu ne ntini na n’aba, entwintwam? Ahaban a ɛfefɛwee no nyinaa betwintwam, na ɛnyɛ basa kɛse anaa dɔm bebree na ehia sɛ wɔde beso ne ntini mu atu no. 10 Na hwɛ, wɔatɛw no yi, so ɛbɛkye ade? So bere a apuei mframa bɛka no no, ɛnyɛ okisa na ebekisa? Wɔ akofi a efifii so no so ara na ebetwintwam. 11 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12 Ka kyerɛ asowui fifo no sɛ: So munhu dekode a eyi yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel. 13 Na ɔfaa ahenni asefo no mu bi, na ɔne no pamee, na ɔma ɔkaa no ntam, na asase no so atumfo no de, ɔfaa wɔn kɔe, 14 sɛ ɛnyɛ ahenni a wɔabrɛ no ase, na amma ne ho so, na onni apam no so na ennyina. 15 Nanso ɔtew n’anim atua somaa n’abɔfo kɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne dɔm bebree. So ebesi no yiye? So nea ɔyɛ eyinom befi mu afi? So obetwiw afa apam no so na asi no yiye? 16 Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔhene a osii no hene a wammu ne nsew na wabu n’apam so no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na obewu. 17 Na ɛnyɛ dɔm kɛse ne asafo bebree na Farao de bedi ama no, ɔsa mu a wɔbɛto mpempe na wɔasisi aban atenten de atwa akra pii agu no. 18 Efisɛ wammu ntam no, na obuu apam no so; na hwɛ, wadi nsew, nanso wayɛ eyinom nyinaa; ɔremfi mu mfi. 19 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara, me ntam a wammu ne m’apam a wabu so no na mede mebua n’atifi; 20 na mede m’asawu mɛtrɛw no so, na wɔayi no m’afiri mu, na mede no makɔ Babel, na ɔfom a ɔfom me no, me ne no bedi wɔ hɔ; 21 na n’aguanfo a wɔwɔ n’asafo nyinaa mu nyinaa, nkrante ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahu sɛ me, AWURADE, na maka. Awiei no wɔbɛma Israel so 22 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Me nso mebu kyeneduru a ɛkorɔn no nkoa mu bi makɔtɛw, efi ne mfefɛwee mu ti bɛtɛbɛtɛ no bi. Na mɛpan makodua bepɔw a ɛkorɔn na ɛware bi so; 23 Israel bepɔw sorɔnsorɔn so na medua, na ebeyiyi abaa asow aba, na ayɛ kyeneduru kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase; n’abaa nwini mu na wobesisi, 24 na wuram nnua nyinaa ahu sɛ me, AWURADE, na mabrɛ dua bantenn no ase, na mama dua a ehuhua fam akorɔn, mama dumono aguan na mama duwui afefɛw. Me, AWURADE, na maka, na mayɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana