Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 12 - KYERƐW KRONKRON


Ɔbirɛmpɔn ne ɔman no tukɔ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, wote asowui fi, nnipa a wɔwɔ aniwa a wɔde hu ade na wonhu na wɔwɔ aso a wɔde te na wɔnte mu; na asowui fi ne wɔn.

3 Na wo, onipa ba, yɛ otukɔ ade fa, na tu kɔ awia, wɔn anim, na tu fi w’afa kɔ baabi foforo, wɔn anim; ebia wobehu; na asowui fi ne wɔn.

4 Na yi wo nneɛma fi adi sɛ otukɔ ade awia, wɔn anim, na wo ankasa de, fi adi anwummere, sɛ atukɔfo fi kɔ no.

5 Tu ɔfasu mu fa, wɔn anim, na fa mu fi adi.

6 Wɔn anim ara na fa to wo kɔn ho, na anim mua a, wode afi adi; kata w’ani na woanhu asase no, na mede wo mayɛ sɛnkyerɛnne mama Israel fi.

7 Ɛnna meyɛɛ sa, sɛnea wɔhyɛɛ me no, miyii me nneɛma mifii adi sɛ otukɔ ade awia, na anwummere no mede me nsa mituu ɔfasu no mu, na anim remua no, mede mifii adi mebɔɔ akɔnkɔn, wɔn anim.

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn anɔpa sɛ:

9 Onipa ba, so Israel fi, asowui fi no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?

10 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Adesoa yi fa ɔberɛmpɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fi a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.

11 Ka sɛ: Mene mo sɛnkyerɛnne; sɛnea meyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn, otukɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkɔ.

12 Na ɔberɛmpɔn a ɔwɔ wɔn mu no, anim remua no, adesoa bɛda ne kɔn ho na wafi adi; ɔfasu mu na wobetu sɛ wɔde no refa mu afi adi; ɔbɛkata n’ani na wamfa n’aniwa anhu asase no.

13 Na mede m’asawu megu no so, na wɔayi no m’afiri mu, na mede no makɔ Babel, Kaldeafo asase so; na ɛno mpo ɔrenhu, na ɛhɔ na obewu.

14 Na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no nyinaa ne n’asafo nyinaa, mɛbɔ wɔn mapete mframa nyinaa mu, na matwe nkrante madi wɔn akyi.

15 Na sɛ misunsum wɔn mekɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn mepete nsaase so a, wobehu sɛ mene AWURADE.

16 Na megyaw wɔn mu nnipa kakraa bi afi nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano, nea ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyide no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

17 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, fa ahopopo di w’aduan, na fa ahowosow ne awerɛhow nom wo nsu;

19 na ka kyerɛ asase no sofo no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka Yerusalemfo a wɔwɔ Israel asase so no ho ni: Wɔde awerɛhow na ebedi wɔn aduan, na wɔde ahodwiriw bɛnom wɔn nsu, esiane sɛ n’asase adan afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofo nyinaa mmusubɔ no nti.

20 Na nkurow a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adan afo, na moahu sɛ mene AWURADE.

21 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

22 Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehu nyinaa reyera?

23 Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehu nyinaa asɛm abɛn.

24 Na adehu hunu biara ne atoro nkɔmhyɛ bi rentena Israel fi bio.

25 Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no na ɛbɛyɛ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio. O, asowui fi, mo bere so na mɛka asɛm na mayɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

26 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

27 Onipa ba, hwɛ, Israel fi ka sɛ: Adehu a ohu no bɛba nna bebree akyi, na ɛbere a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.

28 Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan