Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 9 - KYERƐW KRONKRON


Ɔsoro ne asase so kronkronbea

1 Na afei, kan apam no nso wɔ ɔsom ho nsiesiei ne wiase ha kronkronbea de:

2 Efisɛ wosii ntamadan bi a wɔkɔ mu kan a ɔkaneadua ne ɔpon ne abodoo a egu so wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.

3 Na ntwamutam a ɛto so abien no mu wɔ ntamadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron.

4 Ɛwɔ sika aduhuamhyew muka ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu ne Aaron poma a ɛfefɛwee ne apam abopon no wɔ mu.

5 Na ɛso na anuonyam Kerubim a ɛtrɛw mpata agua no so si; nso yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm mmiako mmiako mprempren.

6 Na wosiesie nneɛma yi saa a, asɔfo no kɔ ntamadan a wosi mu kan no mu daa kɔyɛ ɔsom ho nnwuma.

7 Na nea ɛto so abien no de, ɔsɔfo panyin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a n’ankasa ne ɔman no mfomso nti ɔde kɔma.

8 Emu na Honhom Kronkron kyerɛ eyi fann sɛ, ɛbere a wonnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛe no, na ntamadan a edi kan no da so si hɔ.

9 Na ɛno yɛ mfatoho de ma mprempren bere yi, sɛnea wɔde ayɛyɛde nso ma, ɛne afɔre a entumi mma nea ɔsom no nni mu n’ahonim fam,

10 na ɛne nnuan ne anonne ne aguare horow yɛ ɔhonam nsiesiei nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkodu bere a wɔahyɛ ato hɔ no.


Kristo asɔfodi a edi mu

11 Nanso, Kristo a ɔbae sɛ nnepa a aba dedaw no ho sɔfo panyin, nam ntamadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛn so, (a wɔamfa nsa ansi, ɛne sɛ, emfi adebɔ yi mu),

12 nanso ɛnyɛ mmerekyi ne anantwi mma mogya, na mmom n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea mu prɛko konyaa daa ogye.

13 Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne nantwibere nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi, tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a,

14 mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔre, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase?


Kristo yɛ Apam foforo ntamgyinafo

15 Eyi nti na ɔyɛ Apam foforo ntamgyinafo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapade bɔhyɛ no, esiane owu a owu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kan apam no ho mfomso no.

16 Na nea samansew wɔ no, ɛhɔ na etwa sɛ wɔkyerɛ sɛ nea ɔhyɛe no awu,

17 na samansew tim wɔ awufo so, na nea ɔhyɛe no te ase a, anka emu nyɛ den da.

18 Ɛno nti na wɔankwati mogya anhyɛ kan apam no nso ase.

19 Na Mose kaa ahyɛde biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛnea mmara no te wiei no, ɔfaa anantwi mma ne mmirekyi mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nhoma no ankasa ne ɔman no nyinaa so

20 kae sɛ: Eyi ne apam a Onyankopɔn ahyɛ wɔ mo ho no mogya.

21 Na ntamadan no ne asɔfodwuma ho nneɛma nyinaa nso, ɔde mogya no petee ho saa ara.

22 Ampa ara, wɔde mogya na ɛtew nneɛma nyinaa ho, sɛnea mmara no te, na mogya angu a, bɔnefakyɛ nni hɔ.


Kristo afɔreprɛko a ɔbɔe

23 Ɛnne na etwa sɛ wɔde eyinom tew ɔsoro nneɛma nhwɛso no ho. Na ɔsoro nneɛma no ankasa de, wɔde afɔre a eye kyɛn eyinom na ɛtew ho.

24 Na Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.

25 Nanso wanhyɛn hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre mpɛn pii, sɛnea ɔsɔfo panyin de obi mogya hyɛn kronkronbea daa afirihyia no;

26 ɛnne anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hu amane fi wiase fapem, na afei a wiase mmere rewie du yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe so beyi bɔne.

27 Na sɛnea ɛda hɔ ma nnipa sɛ wobewu prɛko na ɛno akyi atemmu bɛba no,

28 saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔre prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu so, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagye mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan